Daughters of Glorious Jesus - Museke African song lyrics

The Museke project seeks to be the biggest database of African music lyrics, songs, and information. See more at our about page

This is a list of songs on Museke.com. They are arranged by artiste/musician and alphabetically. Click on a letter of the alphabet to access the artiste's songs. For instance, click 'm' to access songs for Malaika, Mafikizolo, Mokobe, Magic System, etc
You can also type http://www.museke.com/all/song/kofi to access songs for musicians called Kofi

You can also search by country and artiste at the artistes page

Editors enoch
Jump to Musician >> a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 1 2 3 4 5 6 7 8 9 Help
Page 1

W'aseda nie

Tagged:  •    •    •    •  
  • W'aseda nie View all from Daughters of Glorious Jesus
    W'aseda nie
    Stella Dugan, Dorcas Appiah, Yaw Agyeman Benjamin, Rev Kusi Berko
    Twi
    5:57
    1
    Stella Dugan, Dorcas Appiah, Yaw Agyeman Benjamin, Rev Kusi Berko
    2001

Verse 1
M'akoma redi ahurusie
Awurade aboa me o
Ɔbɔnefoɔ atadue mu abubu
Ama m'anisuo nyinaa adane m'anigyie
Awurade na ɔma, ɔno ara na ɔgyeɛ o
Ɔwɔ brɛ de ma ɔdasani biara
Sɛ wo mmerɛ ɛmmayɛ a, to wo boase o, onua
Ma yɛn mpaebɔ tiefoɔ
Ɔhunu ɔnnibie mɔbɔ
Sɛ wobɛfiri bɔne mu ayɛ papa a
Ɛnka wobɛhunu sɛ yɛ Nyame tease
Woahwehwɛ me afiri me mmɔfrase
Ɛde abɛduru mempanin fie so
Adeɛ baako a mehunuu da ne sɛ
Me Nyankopɔn nso nni me nhwamɔ wae

Bebree

Tagged:  •    •    •    •    •  
  • Bebree View all from Daughters of Glorious Jesus
    Aseda
    Daughters of Glorious Jesus
    Twi
    6:35
    2
    Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, and Monica Owusu Ansah
    2003

Chorus 2x
Bebree na wayɛ ama me afe yi mu, me Nyame e, aseda yɛ wo dea
Bebree na wayɛ ama me afe yi mu, d'agya Nyame, aseda nka wo din daa
Bebree (5x), na wayɛ ama me afe yi mu
Bebree na wayɛ ama me afe yi mu, d'agya Nyame, aseda nka wo din daa

Verse 1 2x

Sɛ mekae adom ne adɔyɛ a, wayɛ ama me afe yi mu o
Me wura Yesu e, mentumi menna w'ase nwie o
Wo bambɔ pa, new o nhwɛso pa, nti n'ama mete sɛdeɛ meteɛ yi
Mekɔda yɛ no medae, na mɛsɔre no na wobaatansa na so, kura me mu yie

Nea yehu yi

Tagged:  •    •    •  
  • Nea yehu yi View all from Daughters of Glorious Jesus
    Nea wo hu yi
    Daughters of Glorious Jesus
    Twi
    7:21
    2
    Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, and Monica Owusu Ansah
    2000

Hook
Nea worehu yi o (3x)
Ɛmma no mmu w'abɛn mu da
Nea worete yi o (3x)
Ɛmma no mmu w'abɛn mu da

Chorus
Nea yɛhu yi, nea yɛhu yi a, ɛntumi mmu y'abɛn mu da o (2x)
Nea yɛte yi, nea yɛte yi a, ɛntumi mmu y'abɛn mu da o (2x)

Verse 1 2x
Onua deɛbɛn na woahu na ama woakoto brɛbrɛ yi o
Ana deɛbɛn na woateatea, agya wo adwendwen yi o
Adɛn wowirɛfi anaa na ɔse yɛnfa yɛ dadwen ɛne yɛ haw nyinaa ara nto ne so o

Wo ntaban

Tagged:  •    •    •  
  • Wo ntaban View all from Daughters of Glorious Jesus
    Aseda
    Daughters of Glorious Jesus
    Twi
    7:08
    3
    Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, and Monica Owusu Ansah
    2003

Chorus 2x
Awurade e, Awurade yei ei!
Wo ntaban ase na mɛtena daa, a
Wo nwunu ase na mɛtena daa, a
Wo ne m'ahintabea
Ɛnti fa me sie e, wo ntaban n'ase
Ao Jesus, ɛnti fa me sie e, wo ntaban n'ase

Verse 1 2x

Ɔbonsam hwehwɛ me a, ɔnhunu me
Ɔpɛ me bɔne nsoa ɔnya me da
Ɛfiri sɛ mehyɛ Jesus ntaban ase
Afei woabɛ yɛ me han ɛne me nkwagye
Ɔno na wayi me ɛfiri owuo yi menam yi mu
Ɛnti mɛda w'ase, Awurade (me wura) ei, mɛyi w'ayɛ da

Yesu mo

Tagged:  •    •    •  
  • Yesu mo View all from Daughters of Glorious Jesus
    Aseda
    Daughters of Glorious Jesus
    Twi
    8:48
    4
    Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, and Monica Owusu Ansah
    2003

Chorus 2x
Awurade mo, wɔ adeɛ woayɛ ama me yi
Ɔhene kɛseɛ mo, wɔ wo do a wode dɔ me
Yesu mo, wɔ owuo a woawu agye menkwa yi
Mese mɛyi w'ayɛ, mɛma wo so daa
Yesu mo, wɔ owuo a woawu agye menkwa yi
Mese mɛyi w'ayɛ, mɛma wo so daa

Verse 1 2x
Sɛ manna wo aseɛ a, na mayɛ tiafoɔ o, Yesu e
Sɛ manyi w'ayɛ a, na mayɛ bɔniayɛfoɔ o
Ɛfiri sɛ, me kamafo ne wo, me kamafo ne wo ampaara a
Medimafo ne wo o, me werɛkyekyefo ne wo o
Yesu mo, wɔ owuo a woawu agye menkwa yi

Ayeyi ben

Tagged:  •    •    •    •    •  
  • Ayeyi ben View all from Daughters of Glorious Jesus
    Aseda
    Daughters of Glorious Jesus
    Twi
    6:18
    6
    Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, and Monica Owusu Ansah
    2003

Chorus 2x
Aseda bɛn na menfa mma wo, Awurade e
Ayɛyi bɛn na menfa mma wo, wo din no so
Aseda bɛn na menfa mma wo, Tweduampɔn Awurade e
Ayɛyi bɛn na menfa mma wo, wo din no so

Verse 1 2x

Ao, Jesus, wo na woagye menkwa
Ɛyɛ Jesus, na woagye me ɛfiri awoɔ yi mu
Ɛyɛ Jesus, na wabɔ me ho ban
Ne mogya no ama mayɛ ɔdehyeɛ
Yesu nea wayɛ ama me yi, mentumi nte ase
Yesu nea wayɛ ama me yi, ɛsom bo dodo
Yesu nea wayɛ ama me yi, mentumi nte ase
Yesu nea wayɛ ama me yi, ɛsom bo dodo

63599.07