Me yere ne me mpena


Chorus 2x
Adwoa yɛ me yere, Yaa yɛ me mpena
Obiaa hwe me nkwandɛ a
Hwan na menware no o, hwan na mengyae no o

Verse 1
Adwoa, piin me ha, piin me ha, piin me ha
Woyɛ me yere, me nfe
Wo ara na woda m'akyire, wohwɛ m'akyire,
Biribi ara nie a, wohwɛ no yie
Asɛm a, mereka yi, tie ne yie
Ɛma no nha wo o, hwɛ na woansu o
Oh oh, ɛɛ, old timers
Ɛno ara na na ɛkorɔ, seesei atwam
New new, ei, new timers
Ɛmmaa wei, ɛyɛ mogya mono, awosoɔ na ɛwɔ soɔ
Wayɛ maame, wayɛ mmrɛ
Wo deɛ, ma me kwan na mentwe mpena, menkaa sɛ magyae wo
Woyɛ ɔbaa bi a, wobu adeɛ, wo san suro adeɛ
Ɛmmaa sɛ wo, na yɛwaare wɔn
Wo nkodaa brɛ mu, na wobɔ nkuro
Wonim ade yɔ, yɛatete wo, yɛasan agoro wo mmra
Aka adeɛ baako pɛ
Ɛmmerɛ redane a, dane wo ho
Yɛrebu yɛn mu a, bu wo mu
Ɛnyɛ saa, Maadwoa, wakyɛ
Ɛmaayewa ataadeɛ yi hyɛ bi, life yi, bɔ bi
Woreyɛ aka dan mu, ɛyɛ a, pie

Repeat Chorus 3x

Verse 2
Yaayaa, ɔbaa Yaa, gyae saa
Akwadaa ketewa a, woregu m'awareɛ yi
Wo deɛ daabia wo nie, daabia, yɛnpie
Woasɔbre n'ano, wɔregye
Meka sɛ mentua, meboa, metua mmɔ ho
Tonoo, twa a, ɔretwa ne ho
N'atadeɛ da ne ho, ne spray agye ne ho
Woagyinagyina mu, shining shoe, wafa ne ho
Ɔrebɛfa me akɔpira me, akɔdaa bɔnee
Ɔse yɛbɛkɔ niteclub, yɛbɛko Foxtrap
Asa a abasoɔ, ɛhɔ na yɛsa noɔ
Bɛhwɛ awosoɔ ne mmɔsoɔ papa bi
Ɔhuri si ha, na wawoso, ɔsi ha, na wapete
Akwadaa no deɛ, ne hoɔ hare o
Ɔyɛ ɔbaa bi a, ɔtumi ne hɔ
Ɔbaa bi a, ɔbu ne mu
Mpa mu deɛ, mɛyɛ mɔbɔ, petrepetre, menhu hwee
Nayɔɔ, akwadaa wei, manhwɛ yie a, ɔno ara na ɔbɛku me ɛ
Preemanii baa, obiara ate ne nka
Mobile phone girl, Kingsway girl, A-life girl, fried rice girl
Me yere Adwoa, ɔte fie, wirless ɔnni bi
Me yere Adwoa, ɔte fie, ɔhyɛ adekodown
Me yere Adwoa a, ɔte fie no, wireless ɔnni bi o

Repeat Chorus 3x

Verse 3
Adwoa yɛ me yere, Yaa yɛ me mpena
Me yere anaa me mpena, hwan na menware no
Me mpena, kɛtɛ bɔne na ɔnim sɛ
Ɔmmu adeɛ, bra bɔnee na ɔnim bɔ
Ɔbɔ me ka, daabia ɔbewe cornered beef
Ɔbɔ me ka, mpaboa mono, ntaade mono, mabrɛ
Ɔbɔ me ka, mobile phone ɛne units
Phone yi a, metɔɔ maa no, ɔsan nfa nfrɛ me
Me yere, ɔyɛ tebɔɔ, me yere, ɔyɛ bɔtee
Mekae, mekum apɔnkye, apepemkankan
Ɔdebɔɔ nkwan na nkwan ampa, na ɛwɔ mpanpan
Saa nkwan no gyee me nsa, ɛnna nnan
Ɛnnɛ yɛ ɔpako, yee, ɔpako
Magyae Yaa, afei mɛware Adwoa
Magyae Yaa o, ɛnnɛ mɛware Adwoa

Repeat Chorus till fade

© Okomfour Kwaadee

:

Play, forward through and watch the Me yere ne me mpena video by Okomofour Kwaadee

Related
Museke song lyricsAhwedee Abena1, Yeeko mmaape2, P13, Ka wo nan to so4, Efie nipa5, Okomfo kom (AIDS)7, Yeeko yen nim8, Obiaa ba nye9, Afrikan gurlz (African girls)12, Number One Fan13, Africa Money14, U go say15, Obia nye obia16, Give me blow18, Mekura mu20, Woso remix22, Woso23, Kwame Ghana24, Medo mmaa25, Odo nkyen26, Krokyea28, Obaa pa29, Siesie obaa no32, Odo esisi me33, Frema34, Jama35, Maye wo bone a, fakye36, Me dofo Akua37, Kookoo aduro38, Goosy Gander39, Big dreams40, Esikyire (don't change your style)41, Awo ye ya43, Kro hin kro45, Esi46, Asesa47, Aketesea (remix)48, Aketesea49, Green Card50, Smallest time51, In Ghana52, Mek u no try53, Supa Chompia54, Kokonsa55, Never die56, Ahomka wo mu57, Manenko58, My love59, African Queen60, Ebe like say61, If love is a crime62, See me so63, Letter to my brother64, Kpo kpo di kpo65, Kolomental66, Faze Alone67, Tattoo girls68, For Instance70, Enter the place71, Nfana Ibaga (No Problem)72, Me ne me joley74, Konkontiba75, Linda76, Shordy77, Heavy78, E dey be79, Yopoo80, 16 years81, Keep your eyes on the road82, African boy83, U lied to me85, Nya ntetee pa87, Kangaroo88, Oye nonsense89, Helepu90, Philomena91, Aden92, Na ya tal93, Mapouka94, Bo Atenteben95, Ohia nka mmaa97, Sete98, Esisi me so99, Kwani Kwani100, Okoaba101, Obibini102, Okafo didi (Agya Koo)103, Medo104, Anyen (devil) remix105, Fefe n'efe106, Yese hmm (freedom of speech II)107, Letter to Parliament108, Pae mu ka109, Girlz girlz110, Koti112
Museke mixes/playlistsHiplife6
Museke artistesOkomfour Kwaadee10, Asaase Aban11, Asem17, OJ Blaq19, Richie21, Akyeame27, Okyeame Kwame30, Okyeame Quophi31, Wutah42, Nana Kontihene44, Faze69, VIP73, Obrafour84, Batman Samini86, Mzbel96, Triple M111
 

Produced by

Kwaadee fan's picture

"Wonim ade yɔ, yɛatete wo, yɛasan agoro wo mmra
Aka adeɛ baako pɛ
Ɛmmerɛ redane a, dane wo ho"
Jack, Kwaadee is funny paa, and the video is funny too, it says what is in the song.

Assan's picture

Adwoa ye me yere, Yaa ye me mpena, love this song. kwaadee is always keeping it real

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1178.93