View all from Daddy Lumba
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryPoisonDaddy LumbaTwi5:507Charles Kojo Fosu2002
Verse 1
Wo na wonya a, anka na ɔbi ate oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Wo na wonya a, anka sibaa nto nnwom nfrɛ wo oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Ɛbayɛ me ya a, mawu ntri a
Ɛnti na woama ahyɛ wobo sɛ
Ghana Yɔnkoɔ eh,
Abiri bia, kɔ no sɛeyɛ mu nkoaa
Ɛbayɛ me ya a, mawu nti a, ntrɔ oh
Nti na woama ahyɛ wobo sɛ, ntrɔ oh
Ghana Yɔnkoɔ eh,
Abiri bia, kɔ no sɛeyɛ mu nkoaa
Wo na wonya a, anka na ɔbi ate oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Wo na wonya a, anka simmaa nto nnwom nfrɛ wo oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Ɛbayɛ Lumba ya a, mawu nti a
Ɛnti na woama ahyɛ wobo sɛ, ntrɔ oh
Ghana Yɔnkoɔ eh,
Abiri bia, kɔ no sɛeyɛ mu nkoaa
Ɛbayɛ Daddy ya a, mawu nti a, ntrɔ oh
Ɛnti na woama ahyɛ wobo sɛ, ntrɔ oh
Ghana Yɔnkor eh,
Abiri bia, kɔ no sɛeyɛ mu nkoaa
Chorus
Ghana Yɔnkoɔ de apamsɛe oh, Nkran Yɔnkoɔ
Kumasi Yɔnkoɔ de apamsɛe oh, Nkran Yɔnkoɔ
Aburokyire Yɔnkoɔ de apamsɛe oh, Nkran Yɔnkoɔ
Nkran Yɔnkoɔ de apamsɛe oh, Nkran Yɔnkoɔ
Verse 2
Kakra woahu yɛ nti na woabɔ bira mu yi anaa
Gyamera ɛrehyehye wo
Kakra yi nti na wo na woategya no si yi anaa
Gyamera ɛrehyehye wo
Ka wonim nea efiri soro reba a
Anka woasoa dadeɛ kyɛ, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Sɛ wonim deɛ efiri soro reba a
Anka woasoa dadeɛ kyɛ, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Kakra woahu yɛ nti na woabɔ bira mu yi anaa
Gyamera ɛrehyehye wo
Kakra yi nti na wo na woategya no si yi anaa
Gyamera ɛrehyehye wo
Ka wonim nea ɛfiri soro reba a
Anka woasoa dadeɛ kyɛ, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Sɛ wonim deɛ ɛfiri soro reba a
Anka woasoa dadeɛ kyɛ, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Panin wɔ fie ansa na, yɛrewo ɔhene oh
Gyamera ɛrehyehye wo yam
Panin wɔ fie ansa na, yɛrewo ɔhene oh
Gyamera ɛrehyehye wo yam
Ohene na wo nte aseɛ deɛ a
Panin no nte aseɛ nso, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Ahene na sɛ wo nte aseɛ deɛ a
Panin no nte aseɛ nso, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Panin wɔ fie ansa na, yɛrewo ɔhene oh
Gyamera ɛrehyehye wo yam
Panin wɔ fie ansa na, yɛrewo ɔhene oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Ahene na wo nte aseɛ deɛ a
Panin no nte aseɛ nso, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Ɔhene na sɛ wo nte aseɛ deɛ a
Panin no nte aseɛ nso, nso nyinaa mu, ɔtanfo nsɛe e
Wosoa ne kyɛ
Akyakya besi nantwie akyi deɛ, yɛse woada oh
Ɛsu nea nakyi deɛ, ɛyɛ yareɛ
Ɔbi ɛnni woakyi a, wose agorɔ yi yɛdɛ oh
Akyakya besi nantwie akyi deɛ, yɛse woada oh
Ɛsu nea nakyi deɛ, ɛyɛ yareɛ
Yanka ɛnni woakyi a, wose agorɔ nɛdɛ oh
Wo nua bi ne ma a, anka wonpɛ
Wo ba ni ne ma a, anka wonpɛ
Wo bra bi ne ma a, anka wonpɛ
Wo nua ne ma a, anka wonpɛ
Wo ba bi ne ma a, anka wonpɛ
Wo bra bi ne ma a, anka wodebɛto wo ho yie paa a
Wopam aboɔ na woanya no a
Ye ɛnka sɛ me nipa, peya woayantie o me dear e
Wopam aboɔ na woanya no a
Ye ɛnka sɛ me nipa, peya woayantie o me dear e
Wopam aboɔ na woanya no a
Ye ɛnka sɛ me nipa, peya woayantie o me dear e
Verse 1 again
Wo na wonya a, anka na ɔbi ate oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Wo na wonya a, anka sibaa nto nnwom nfrɛ wo oh
Gyamera ɛrehyehye wo
Ɛbayɛ me ya a, mawu ntri a
Ɛnti na woama ahyɛ wobo sɛ
Nti na woama ahyɛ wobo sɛ
Ghana Yɔnkoɔ eh, abiri bia, kɔ no sɛeyɛ mu nkoaa
Ɛbayɛ me ya a, mawu ntri a, ntrɔ oh
Ɛnti na woama ahyɛ wobo sɛ
Ghana Yɔnkoɔ eh, abiri bia, kɔ no sɛeyɛ mu nkoaa
Repeat Chorus
© Daddy Lumba
Produced by













admire this track by Daddy Lumba Ghana Yonkor or Ghana friend
keep it up Daddy
nice track by Daddy Lumba, he sings some serious songs like this one too even though people like to remember him for tokrom, aben wo aha, pony and songs that are profane
Poster un nouveau commentaire