Mmobrowa - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  
  • Mmobrowa View all from Lord Kenya
    Yesom sika
    Lord Kenya
    Twi
    5:40
    4
    Abraham Kojo Akpor
    2001

Chorus 2x
Manya me so ne me kakrawa
Ma mendwene me ho o! 2x

Verse 1

Wopin kyɛn nsuo a, na wobɛte sɛ ampa, kɔtɔ bɔ wa
Abrabɔ mu nsɛm ne mu ntawantawa, mmɔbrɔwa!
Tu wo ho fo, ɛnni nipa akyi nkɔ yɛ aberewa
Nkranni krakye bɛseɛ ɔdampoo!
Wo mom, wonni gramophone, na wakɔtɔ apaawa
Hwɛ wo so ne wo kɛseɛ na wene wo buo sɛ aserewa
Ɛnhwe deɛ obi yɛ, sonson wo ho sɛ ɔkrawa
Kwaakye adeɛ yɛ fɛ; ne nyinaa yɛ money-power
Obi rewe ne full-chicken na ɛbi nso kyin pɛ gari grawa
Wonyaa bi a, kae firi sɛ nipa nyɛ wa
Na biribi ara wɔ ne mmere; every minute every hour!
Mmɔbrɔwa! Ɔbra n'adi m'ani, ma mayɛ fitaa sɛ asaawa
M'ataadeɛ to nyinaa atete, mekyɛn fie kɛseɛ mu abawaa
Bank ɛmmɔ me bosia a, yɛɛpɛ agyapadeɛ de asi awowa
Me mom, mete nnɔɔte dɛn mu mɛsi dɛn na madware shower; ɔkoto!
Mmɔbrɔwa! Ɔbra no akye me rewae me te sɛ alokoto
Merepower but still, menni kotoo
Yɛbu me kwaadonto, nso ɛnyɛ hwee!
Monsi me koto
Mede me tiri bɛgye, memma no nyɛ ka da
Ɛnkyɛnkyɛ wɔ nafe; ɛmmerɛ pa bɛba yeah
Ɛbɛkoso, na me nso, manya me so ne me kakrawa
Me kakrawa

Chorus 2x
Manya me so ne me kakrawa
Ma mendwene me ho o!

Verse 2
Ɛnnɛ modern Ghana; ayɛ gawuta ganawa
Sɛ wonni sika mmɔbrɔwa, ɔbra no bɛyi wo ama, more than Judas
Ɔbi ahwe ne heavy shoe; na magye me mukas
Ɔmama! ɔbaa a, meyada, yɛfrɛ no
Nana Ama, Akɔkɔ bottom power, ɔgyina so sɛ Eiffel Tower
Nso tuu dwɛtɛɛ a menni nti, ɔbaa yi no bu me yaawa, Alhalji Bawa
Ɔnya Mecca nka ɔbɛko nso where dey the money-power?
Ɔbra nayɛ ateetee, sɛ woantimtim a, ohia bɛhyɛ wo kawa
Obi de ayɛ apio nnom, dabiaa na wayɛ sei sawa
Yɛ nyinaa na yɛkɔɔ ahwee, obi ɛyi adwene, na obi nso ɛyi nkawa
Ɛwiase saa na ɛte no, obi twi ne bonto, na obi nnom ne tawa
Mmobrowa, mebrɛ me ho yɛ adwuma sɛ mowa
Nso menni kaprɛ, mayɛ sɛ apatuprɛ Wei deɛ me nkrabea anaa me hyɛbrɛ
Alosman merebrɛ!
Obi mmɔ me besiaa, yɛde kɔ na bra, yɛde kɔ na bra na yɛretɔɔse wo
Wo gye wie nso aa, wonya ahotɔ da, daa, daa, daa, na yɛ retɔɔse wo
Mmɔbrɔwa, megu so refɔrso nso ɔbra na sugar
Metare a awae, mehyehyɛ na adwiriga, afei magyiga
Abrabɔ gyina yie na memmɔ wo bi, wonfa wo ho nni da
Daabi, wonfa wo ho nni da

Repeat Chorus 2x

Repeat Verse 1

© Lord Kenya

 

Produced by Slip Music

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1180.75