Mr POP - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •  
  • Mr POP
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Lord Kenya
    Yesom sika
    Lord Kenya
    Twi
    5:08
    Abraham Kojo Akpor Kenya
    2001

So do wa, so do I (3x)

Verse 1
Kwasi Broni frɛ no Marfo Gaisie
Barima anokwadworɔ, ɔhu baa biara na w'ayɛ dizzy
Adwene no nniti hɔ, ne ti bɔm
I think he is going, he is going, he crazy
Ateete, barima adane Super OD
Afei, concert na ɔreyi
Ne hyeehyee, ɛnsɔ krɔbɔ hunu na ɔreyidi
Wobɛte, ei ei Araba
Ɛnora deɛ, mehuu wo Papa
Sɛn na ɛyɛ a, mofrɛ no, Dada
Mo kraman baako no deɛ, mese, ɔyɛ wild o
Ɔbaayɛ fie na ɔrebɛdi ne jack na ɛnyɛ agorɔ o
Ei, mese, ne hoɔ fɛ o
Ɔde kwasoa ade kasa, n'aniso ate no tɛ
Araba, soɔ kɔ, to bɛlɛ
Woagyegya hɔ ama akrɔma de kɔ
Barima kɛntinka, hwɛ n'atikɔ
Tia so ma yɛnkɔ a, na woayɛ wanwan
Asɛm a, ɛwɔ sɛ wosi ne pi no, na woderekɔ winwan
Woantumi anfa ankɔto, ah, ne nkwan
Hyɛ goal ma yɛnpɔn a, w'akɔbɔ over
Akurase Casanova
Gidigidi, yɛngyae wo, na kɔbɔ Black Star
Mr. POP, wo werɛ afi sɛ y'afa w'ano Black Star
Oh, disaster!

Chorus (2x)
Sɛ menya ɔbaa yi a (2x), mepɛ o!

Verse 2
So do wa, so do I (3x)
Barima a n'ano mmɔ nnwom, na yɛfrɛ no Mr. POP
Agya Dwomoh, y'abɔ n'ano powder te sɛ ne kɔkɔtii
Wokɔka pɛ, ɔsɛ yɛfiri
Me ara me yɔnkɔ barima na no yɛ dɛ sɛ paano ne tii
Come and see, anumdwa
Mouth market, ɔbeyere ho ma, wobɛdwa
Tie, me deɛ no yɛ wild
Ɛnyɛ ntrɔ bi na meretwa
Mmaa no feeli me, ɔnnɛ gya
Wodi me agorɔ a, wobɛpira
Mo deɛ, monnsusu a
Ha ha ha, monkɔ nkɔbisa, meyɛ Giko
Articulator mpo mɛtwi na ɛnyɛ tico
Akwadaa, yɛreka kanea a
Na wose torch, oh gosh!
Ɔbaa a, meyada, ɔyɛ posh
Wontumi ntackie, one day koraa
Me lie biara yɛ one touch, ɛnso ɔboa
Mr. POP, w'ayɛ sɛ kranteɛ gyamoa
Ɔhyia ɔbaa biara a, na woahoahoa
Ne nan ho koko popopopo
Ewoso, wotumi hu sɛ nipa hia mmoa
Ɔtwe a, ɛmma
Wahala, barima, ɔshɔrto fila
Asɛm asi, Lord Kenya anyina anɔpa
Mr. POP

Repeat Chorus (4x)

Hook (2x)
Sɛ woayɛ nnwom na
W'ano mmɔ nnwom deɛ a
Woyɛ P. O. P, wriiiiii
Sɛ woayɛ nnwom na
W'ano mmɔ nnwom
Mr. P. O. P, Ofunu Ofunu

Repeat Verse 2

Repeat Chorus

© Lord Kenya

 

Produced by Slip Music

Philip's picture

wow, this song is from the good old days when Lord Kenya was top of the game. Se woaye nnyom, woano mbo nnyom die, woye POP, wreee... haha

Stizzle's picture

This is a true classic. Lord Kenya at his best. The man is POET for real
Respect the skills

Chale's picture

i agree stizzle

there is a remix of this classic on Lord Kenya's new album.

Find info about it here http://www.museke.com/node/1801

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

4159.32