View all from Obour
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryDondoObourTwi6:25Bice Osei Kuffour2003
Aane, hwie nsa fufuo no bi ma me
Mewɔ asɛm bi bɔ ne pɔ
Chorus 2x
Mesoo daɛ
Na me ne ɔbaa bi hyɛ adwaɛ
Yɛrebɔ mpaɛ asrɛ bɔne fakyɛ
Verse 2
Afei y'apem, mmienu no adueno wɔ apuuɛ
Na asɛm a, merebɛbɔ so yi, nyinaa ara asii yɛ
Asɛm no ti, ano ne ne nan yɛ ne sɛ
Abɛmuwaa, mesi so nkyɛɛ
Koti koti, yɛnya antare a, yɛnya anwae
Y'anpam a, yɛnya ho kwan mpae
Na anka merehwehwɛ mu, merehwehwɛ anya me so ɛne me deɛ
Wote faako a, wokita w'adeɛ
Si yɛhu abakan, aboa biara ɛrewura mu bio o
Ɛnti opuro se wɔnwe abɛ biom
Repeat Chorus 2x
Verse 2
Akyinkyin akyinkyin, m'ahwehwɛ mu, m'ɛnya anwura mu bio
Mese, buei buei, ɔbaa e, fa me kɔ fie
Menyɛ wo ho adeɛ, ɔse daabi, mentie
Yɛnkɔ so ndɔ, yɛnwirɛnfi awareɛ (yɛnwirɛnfi awareɛ)
Bɔne kɛseɛ, Kristo fie na yɛ tete me ɛ
Nsɔhwɛ, ɔde twetwee m'adwen
Hwan na ɔmpɛ, awareɛ ɛho nni ka
Hwan na ɔmpɛ, ɔbaa a, ɔwɔ sika
Sɛ na ɔwɔ kunu, ɔwɔ kunu wɔ ne mma
Delilah, w'adane me Samson
Repeat Chorus 2x
Verse 3
Hmm, toa so, me ne ɔbaa yi kɔɔ so
Ɛresi so, buei buei, yɛrebɔ so
Y'ato y'adwen mu, yɛbubu nnua agu y'aso mu
Nea nkrɔfoɔ bɛka biara, yɛse se wei deɛ, agu aboɔ mu
Na mmeranteɛ, y'anya yɛn mmra na yɛrebrɔ
Nkɔkra momparke, na wei deɛ ɛnyɛ mo agorɔ
Sɛ woantie, ɛne ɔwam atikɔ pɔ
Sɛ woantie, ɛyɛ musuo ae
Repeat Chorus 2x
Verse 4
Y'ada asɔre, yɛɛtwitwi yɛ se
Yɛredware Kwasiada anɔpa bi
Yɛrewareɛ, y'abɔ adagya na yɛ dwareɛ
Ayam hyehyeɛ, agradaa kɛseɛ ɛredwidwa
Ayerɛmo ɛne owia ɛrepepa (ɛrepepa)
Ɛsoro rebobɔ, asaase rewoso, nsoroma nso ɛretotɔ
Onyame reba, ɛnnɛ yɛ ataamuda
Tweduampɔn reba, na w'abɛbu yɛn atɛn
Onyame reba, na w'abɛbu yɛn atɛn
Na mɛyɛ dɛn, odwammammɔfoɔ, mɛyɛ dɛn (Odwammammɔfoɔ, mɛyɛ dɛn)
Mesoo daɛ, na me ne obi yere hyɛ adwaaɛ
Awaresɛefoɔ, bronsam dwam na mɛkɔ
Me ho hyehye me, ɔbaa w'asɛe me number yɛ
Afei yɛhyɛ adwaaɛ, yɛɛbu nkotodwe rebɔ mpae
Yɛresrɛ bɔnefakyɛ, Onyankopɔn, hu yɛn mɔbɔ
Sɛ na ɛyɛ daɛ, nyinaa ɛyɛ daɛ
M'ani tee yɛ, na mehuu sɛ ɛyɛ daɛ
Sɛ na ɛyɛ daɛ, nyinaa ɛyɛ daɛ o
M'ani tee yɛ, na mehunu sɛ ɛyɛ daɛ
Repeat Chorus till fade
© Obour
Produced by Family Tree Productions













, USD 39.77 only.
i really like this song meso daye na me ne obaa bi hye aguaaye lmao
who sings songs like that?
these our ghana musicians they are too funny
Obour is some musician eh
Basically, the chorus is like
Mesoo daɛ - I dreamt
Na me ne ɔbaa bi hyɛ adwaɛ - That I and some girl were in the shower/bath tub
Yɛrebɔ mpaɛ asrɛ bɔne fakyɛ - We were praying and asking for forgiveness
why would they be doing that?
He committed adultery/fornication with a lady who was married and somewhere he calls the girl a Delilah who has turned him into a Samson. He then talks about the judgment day, God coming to take the believers and what would the sinners (like him) do.
Then he realises that all this is all a dream.
For a second, I forgot that he had mentioned that :-)
Poster un nouveau commentaire