Visa - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •    •  
  • Visa
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Reggie Rockstone
    Meka
    Reggie Rockstone
    Twi
    3:58
    11
    Reggie Osei
    2000

Yɛ bounce wo visa ne ya please
Ei, little Rockstone episode, akwantuo mo den
Obiara, pɛ sɛ ɔtu kwan
Obiara atworɔ me letter na letter ne mu ɔse
Menka nkyerɛ mo sɛ

Verse 1
Dear Rockstone, ɛte sɛn, ɛyɛ me a
Wo nua, wo nipa Yaw Osafo Maafo
Still a, yɛgu so, yɛ ne abrɔfo no retwe visa manso
Naano, mehyia w'adanfo, Kofi Danso
Ɔse connection n'amma so, w'alɔcko
Ɛhyee me, Reggie wonim me
Menyɛ nipa bɔne
M'asakra kɔ asɔre, san som Nyame
Wohu me yere a, kyea no ma me
Na wo nso mane me, ntaare
Me spoats nyinaa atete, mɛnsere
Last nea wodebaa yɛ no, ankɔ me
Wohuu me akyɛ, m'ayɛ kɛse
Area mu hɔ guys, Caprice, obiara kyea wo
Wo sister nso awo, still ɔtɔn dɔkono
Ne kunu no atɔ kaa mono nso ɔmo da so ko
Ɛnora anadwo, yɛse ɔde ne nan bubu ne pono
Onassis, w'akɔ Hamburg aba twice, w'abɛyɛ nice
W'abɛnya sika papa
Me ne no rekɔdi no wɔ apɔnkyenkakra
Na mese anumdwa, ɔse wo ne dough nti na wontumi mma
Nso menim sɛ ɔboa
Uh huh ɛnnɛ nansa, mehyia wo kala bi
No kala Mansa, this time woasesa
Ɔnom nsa nom jɔt, hyee nyinaa
Ɔne Ɔdiifoɔ from Vibe FM na ɛtwe mpena
Ɔhu me a, ɔne me nkasa, ɛnso mefa no kwa, mefa no kwa
Bra Reggie, merema wo filla mu filla
Ɔkyena, merekɔ British emba, blowman, Kofi se killer (2x)
Me tirim nyinaa akɔyɛ me visa visa
Rockstone, yɛbounce wo visa a, ne ya
Yɛbounce wo visa a, ne ya
Broni no bu me kwasia, ɔha me dodo
Last ɛkaa me ketekete sei, nka merenom no
Panin a ɛte sɛ me, na wo ne mereka foo
M'afo ayɛ hye te sɛ foono
Wode asam gu mu a, ɛbɛdane paano
Ɔse biribi ne bank statement, sika, mese mewɔ bi
Me living arrangement, ɛhenfa na mɛtena, mese ɛno nso mewɔ bi
Afei deɛbɛn biom, Reggie(2x)
Akwantuo baako ho politics, oh daabi (2x)
Yɛn na yɛgyimi, moba ha na yɛse yerema mo baabi
Yɛnka nokwareɛ, embassy mmrɔfo, mo ho yɛ ahi

Chorus
Akwantuo yɛ ya, yɛbounce wo visa a, ne ya
USA, I gots to go, yɛbounce wo visa a, ne ya
Akwantuo yɛ ka, yɛbounce wo visa a, ne ya
USA, I gots to go, yɛbounce wo visa a, ne ya
Ɛbi ayɛ wo da a, mɛnfɛre, ka
Yɛbounce wo visa a, ne ya, Reggie, ne ya
Ɛbi ayɛ wo da a, ka mɛnfɛre
Yɛbounce wo visa a, ne ya

Verse 2
Oh, m'anya another letter
Dear Rockstone, ɛnti wo saa na woteɛ
W'akɔduru hɔ nom a, tworɔ me ɛ
Deɛbɛn na worepɛ akyerɛ
Woakye fresh bogɛ
Kae sɛ, wowɔ ha nom no, na me ne wo ara na na yɛbrɛ
Wonkae a, ma menkae wo, ɛyɛ wo yere, a.k.a Ahoɔfɛ
Mese, fe a m'afe wo ɛnti hɔ nom, hwan na ɛwɔ fufuo ma wo
Anaa sɛ ɛhɔnom nte sɛ ha no mo
Boi ɛ, Yaw, nea wokaa sɛ menkɔ yɛ no nyinaa, m'ayɛ
Twa me ɛ, Reggie, m'abrɛ
Mese, bɛhwɛ sɛ nea mmrɔfo no redisplay
Wobɛka sɛ, yɛakɔ cocoa pay
Menya yɛ anka mɛyɛ stowaway
Ansaa na akɔ akɔyɛ watch and pray
Mese, line tententen, Awurade e
Broni baako bi deɛ, ɔse ɔpɛ me, broni no akɔnya Plan A
Adwen B, you see, nnoɔma na, wokaasɛ menkɔtɔn no, nyinaa m'atɔn
Wohu me a, wobɛsu, Reggie, mese fɔn a mafɔn
Mese, metumi kɔtena embassy hɔ a, ma ɔmɔ pɔn
Ɛhɔ nwunu, wobɛka sɛ ɛyɛ Akuropong
Wo nipa Mr. Oppong, ne life bɔn
Wɔayɛ ne ho area mu King Kong
Woabɛsoa area mu ha nnoɔma nyinaa akɔtɔn
Akoa no yɛ wrong
Mese, sɛ ɔyɛ hard, me nso mɛkyerɛ no sɛ meyɛ strong
In fact, Reggie, m'afe wo, worekɔ na me sua, na meyɛ young
Awurade Nyankopɔn, akoa no rebɛ bounce me visa
Ɔde stamp ne po, ɔde ahwe mu mu pan pan

Repeat Chorus till fade

© Reggie Rockstone

 

Produced by Kassa records

asiedu's picture

one of my favourite reggie songs. this guy's lyrics are crazy! this guy's such a genius and a legend, reggie, i like u for this song you are Oseikrom president for real!

Kofi Konadu's picture

this song has a great beat, feel and story to it. akwantu mu nsem, this is some true talk in the song. Reggie, woye bia, you always gonna be one of my favorite rappers and long live your legend

Kranks's picture

I love this album been looking for one since my tape tore (couldn't buy the cd then)
My favorite song on the track surprisingly didn't get much airplay but if you ever get the chance, watchout for death for life feat CAB and Tripple X. That song is da bomb.

Keep it up Grand P. Me love you to the max.

Peace

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1538.74