View all from Obour
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryAtumpan (Project Obour.com)ObourTwi4:5410Bice Osei Kuffour2004
Chorus 2x
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)
Ɔboɔ, m'akoma yɛ duruduruduu
Ɔboɔ, mɛtimtim, mentutu o
Yɛdidi asa, asa bu yɛn mu sei dwɛ
Atentebɛn, ɛbaa no sɛn
Meyɛɛ mo deɛn, bu wɔn atɛn
Verse 1
Mesene kɔmfoɔ, mesene mmootia
Mesene abayifoɔ, mesene akaatia
M'anisuo, ɛtɔ fɔm a, asaase pepa twa
Bra fie, bɛbusa, m'ani abre sɛ nikanika
Me ho nfrɛma, ɛma nkokora nya tipa
Mayɛ akɔmkyere, ɛnna aduokronkron
Me tiri nwin tia baako, pam sneaker aduosonson
Auntie Christie woo me, na me din bɔ me moma so
Ɔsɔfoɔ bɛpa hyɛɛ me nkɔm, sɛ nnwom na metoɔ
Owuo atwedeɛ, magyina so agye nfrɛma
Madware key soap adaka ma, ama ahuro amma
Deɛ atanfoɔ bɛyɛ no, hmm, ɔmoyɛ kwa
Wotua me ho sika yɛ yɛnyɛ me a, me nua, wabɔka
Wo dwatire, ahye agu, w'anim nso agu ase
Kwaa boɔ te deɛ ɔtim, ɔyɛ ɔbotɛntim
Wowoso me, sɛ deɛ yɛwoso me biara a, merehinhim
Obiara nyi ne handkerchief, mommoa me, yɛrebɛhim
Atanfo, monkɔ gu po mu, ma monto kyim
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)
Nsɛmfoo, deɛ ɛyɛ a, ɛbi nfa me nfikyire
Wobɛka me, mɛma wo ayɛ sapoo te sɛ hwire
Nkodafoɔ bɛboro wo, ahyim wo twatire
Deɛ a, Onyame ahyira no no, ɛyɛ a, ɔnsuro ɔpɛ
Wo ne Yesu nso nam a, me nua, wonsuro ataamuda
Akokoa, a mede me to na ɛbɔ adwe
M'anumsɛm, ɛnyɛ badwere a, aberewa toɔ
Adeɛ mu adufɔkyeɛ, ahenema mu asopatrɛ
Nea ɔteeyɛ ante, nea ɔhunuuyɛ anhu
Bɔ mu na ɛmpae, me nua, bɔ mu na Empae
Repeat Chorus 2x
Verse 2
Medii kan bɔɔ wo hiphop, afei mabɔ wo funk
Afe wei, na downcut, obiara bɛyi punk
M'anumsɛm, mɛtimtim, huh, ɛyɛ conc
Wo ne me nante dakoro a, ɛkɔm bɛde wo, you go hung
So my paddy, why say u no go sing this song
Woyɛ lorry kwan, matwa wo mu hwimhwim
Woyɛ abɛn bia, mɛwɔ wo pimpim
Woyɛ fufuo o, matwa wo timtim
Awɔ de wo a, kɔtɛ, ɛnyɛ saa wobɛhimhim
W'anom pito a, me nso m'anom ɔboburo
W'awe antrohweɛ, me deɛ, mawe abuburo
Meyare tipaɛ, wobeyarɛ ntɔkuro
Wowɔ anyɛn, me nso mewɔ w'ano aduro
Articulator afa wo so, bulldozer afa me nsam
Deɛ wodii hɔ nnawɔtwe, memunu hɔ, m'atwam
Wote me din wo , kɔfa ko Sogo
Me yere yɛ fiateaa, ɔware obolobo
Wowo mmaa atiatia, ma menwo adogoadogo
Mato Adusei, kɔto Mugu Yaro
Mede awiamhyɛn na ɛkɔ aburokyire
Twii bonwires, fan ante wɔ wo nfikyire
Mefrɛ Jehovah, wofrɛ Kwaku Firi
Abubuafoɔ hu me a, ɔmɔsore huri
Mefira kente, worefira nwera
Ɛbɛyɛ dɛn, na woakɔ parliament akɔhyɛ mmra
Ɔboɔ nhia akuma, ɔboɔ nbobɔ ntɛtoa
Ɛboɔ biara yɛ den, ɛboɔ yɛnni mu nketewa
Kobɔlɔfoɔ, ɛna me ne wɔn mo korɔ
Nantwie te praka a, ɛyɛ a, ɔdi me sotorɔ
Kwabena Boɔ, mewɔ tumi pii mu ahodoɔ
Menwanwan mpo, asaase bosoɔ
Hmm, na menante, vocabulary foforɔ
Tutukyɛkusagidibogidihogidi ɛne kasa mu ahodoɔ
Ɛnduruu hɔ, twi kasa nya nduruu hɔ
Repeat Chorus till fade
© Obour
Produced by Family Tree Productions













Poster un nouveau commentaire