Menko meda - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •  
  • Menko meda
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Akyeame
    Apam Foforo
    Akyeame, Michael Dwamena
    Twi
    5:22
    4
    Quame Nsiah Appau, Daniel Quophi Amoateng
    2004

Ɔdɔpa sika ntumi ntɔ o
Aduru nnwumire a, menko meda

Manya sika asisi adan
Magye biribi a, atutu akwan
Mennya adɔfo na me ne no san
Aduru anadwo a, menko meda
Manya sika asisi adan
Magye biribi a, atutu akwan
Mennya adɔfo a
Aduru anadwo a, menko meda

Chorus (2x)
Sika ntɔ ɔdɔ o, menko meda
Ahoɔfɛ nfrɛ ɔdɔ o, ah ah
Nyame n'adom o
Aduru anadwo a, menko meda

Verse 1
Mate sika akɔtɔ sikakɔkɔɔ kawa
Matu mmirika akɔ asɔre akɔhu pastor
Asɛm baako pɛ na ɛha madwen kakra
Aka ɔbaa, ɔno deɛ menya bi da
Ɛdeɛbɛn asɛm nso ni
I am the only grown without a bride
Na mekaasɛ ɔdɔ yɛgye no heavy ride
Metumi hu sɛ maso awareɛ
Mentumi nsi abotrɛ
Ɔdɔ yɛ nyame akyɛdeɛ
Dabɛn na manya medeɛ
Afei na mate aseɛ
Ɛnyɛ sika ne ɔdɔ na ɛsɛ
Mepɛ obi na anka mede no ayɛ me downtown baby
Me ne no apue akɔ Boomerang akɔdi boogie
Mafrɛ no darling ɔno nso afrɛ me sweetie
Nanso menya bi, ɛnti awerɛhoɔ ara na medi
Mehwɛ ɔmanpanin ne ne wife a
Metumi hu sɛ ɔdɔ bɛyɛ dɛ
Ɛyɛ akɔnɔ, ɛyɛ fɛ
Biribi saa na merehwehwɛ
Obiaa megu ne kɔn ahweneɛ
Mahyɛ no dwetaa asomadeɛ
Na me ne no atu anamɔn kɛseɛ
Akɔ si wiase awieyɛ
Wonhu nea merekyerɛ oh

Repeat Chorus (2x)

Verse 2
Mese, yɛbɔ me nnwom wɔ radio so, yi video wɔ TV so
Mmaa sosɔ me so, ma mmarima sɔ me so
Me car retwa mu a, na mapaawa da so
Ɛnkanka merekɔ kurom na ma ma so
Mmaa yi mma maso ho
Ɔmo de me Kwame, waame waame
Nanso wai nyinaa akyi wobɛgye adi sɛ menni ɔdɔfo
Daabi a anadwo, agye take-away anaa moko shitɔ ne dɔkono
Mede blanket mmiɛnsa na ɛkata me ho
Nanso still mentumi nna
Me ne me sumiɛ ko
Ɛnyɛ sɛ abi a, mekita P O P
Anaa me suban nyɛ G O O D
Metehɔ yi me ho yɛ nika sɛ O.D
Mekuta J O B
Nso mehyia ɔbaa, na mepɛ no deɛ a madwen se S T O P
Seesei me nnanfofoɔ se mesuro mmaa no
Ebei nnwomtoni deɛ kabɔ nsa no
Okay, mɛyɛdɛn na mahu papa no
Afei Ghanafoɔ mmaa ɔmmo nyɛ fo
Mede malata sɛ ɔmɔ Ghana a, ɔte Alata
Meretwɛn Agatha, ansaa na ɔbɛba no Rap doctor
Menko meda, number one bachelor
Menko meda, meyɛ true gnasher
Menko meda, menko meda ah

Repeat Chorus (2x)

Verse 3
Menya adɔfo yi bia
Mɛyɛ no wedding, na mahyɛ no kawa
Menya adɔfo yi bia
Me ne no bɛkɔ honeymoon wɔ Botswana
Menya adɔfo yi bia
Ɔpɛ anyigyie a, mɛma no apɔtoa ma
Menya adɔfo yi bia
Ɔbisa me asikyire a, mɛma no ɛwoɔ ankasa
Menya adɔfo yi bia
Ɔfiri adwuma ba a, mɛtwa no shower
Menya adɔfo yi bia
Eveready battery, ne kanea dum a, mɛma no power
Nanso ɛntɛ saa, meyɛ adaakwa
Sika bebreebe yi, menko meda
Ɛdin nyinaa akyi, menko meda
Ahoɔfɛ yi nyinaa akyi, menko meda

Manya sika asisi adan
Magye biribi a, atutu akwan
Mennya adɔfo, na me ne no san
Aduru anadwo a, menko meda
Manya sika asisi adan
Magye biribi a, atutu akwan
Mennya adɔfo a
Aduru anadwo a, menko meda

Repeat Chorus (2x)

Daatua ma mu ahoɔsi yi ama mentumi nna o, ah, aduru anadwo a
Aduru anadwo a, menko meda
Nkran dɔkono yi o, takeaway yi a
Aduru anadwo a, menko meda
Menko meda o, menko meda , menko meda
Aduru anadwo a, menko meda
Menko meda o, menko meda, menko meda
Aduru anadwo a, menko meda
Afei na mawu, sika ntɔ ɔdɔ o, ahoɔfɛ nfrɛ ɔdɔ o
Aduru anadwo a, menko meda

© Akyeame

:

Menko meda video by Akyeame

 

Produced by Emklan entertainment

Baah's picture

Oseikrom represent, the real Kumasianos, not Reggie Rockstone!
Listen to the lyrics, real hiplife in the yard
please add more Akyeame or either of their singles on the web site

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1447.09