Maye wo bone a, fakye - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  
  • Maye wo bone a, fakye View all from 4x4
    Siklitele
    4x4
    Twi
    5:34
    Sylvanus Dodji Jeoffrey, Raphael Edem Avornyo
    2003

Hello (Hello)
Yea girl, I am very sorry for what happened
I will just make it up to you

Chorus 2x
Ɔdɔ e, mesrɛ bɔnefakyɛ e
Ɛnnɛ aduro me so wae
Nipa na ɛyɛ bɔne
Mayɛ wo bɔne a, fakyɛ me o
Oh oh

Verse 1
Awiase, bɔne nsoma
Memma ntafrɛ ɛnwe wo ntoma
Yɛndi ntɔrewa, nkeka mu aba
Ɛnyɛ sɛ ɛbia, adɛn nti wontumi nfa nkyɛ
Ahurekadea wɔnfa anyɛ me na medeayɛ wo
Woayɛ bi da, mantwe wo timtamm, medeakyɛ wo
Ɔdɔ, na mekaasɛ fɛfɛ na ɛyɛ fɛ
Yɛnfa aniha nkɔ prɛkɛsɛ mafii
Nkunkran mpo, kɔgyae no ma no nsɔ
Wo ntasu wɔ hɔ a, mennom nsuo ntwɛn ɔpɛ
W'ahoɔfɛ ama w'akyi ara na metuw
Ma yɛnmmɔ ahoɔyaw ngu o, te sɛ akurasenii ba kuntuw
Yɛmma yɛn ani ngye
Na ɔsaw abɔma na ɔnim sɛ deɛ ne barima yɛ wɔ wɔn ahanmu
Me nana barima bɛka, wo ho adwendwen, ma meabɔ gye
Ɛnkane no, na mede me dɔ bɔ nkuro
Me nantam so koraa a, mentumi nfa ntutu kyow
Akokɔ koto nkosua so ansaana woasow
Mese aseɛ timm, ɛnti na mewe asaase aburo
Biribibiribi bɛtete me ne wo ntam mu a, gyesɛ owuo
Wodi w'abufuo akyi a, wotwa me brɛ nsu
Ɔdɔ, mepa wo kyɛw

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Ɔdɔ e, me nko me deɛ a
Woadɔ w'afu, ama mmoa adi
Asɛm sɛbɛ deɛ, yɛnka nkyɛ
Mese m'anu me ho, mesrɛ bɔnefakyɛ
Mentutu anoma nkɔkyerɛ panin mmisa, panin, anoma bɛn nie
Nkɔnkɔn ba fie, na abɔfra nni hɔ a
Abra gye bɔ, ɛnti, gyɔle, mɛnkɔ
Hye me ogyata nan mu, fa yɛ bɔtɔ
Yɛnam baanu sum a, yɛnam baanu hwɛ
Ɛnto me ɔsupa n'akyi da sum mu
Me bibini takyi, twe wo kɔn kɔhwɛ w'akyi
Kae hunu sɛ, woagya wo dɔfo pa bi wɔ beebi
Mɛbu nkotodwe o, te sɛ nansayam
Ɛndi m'akoma dɛm, na ɛnwono wɔ w'adwamu
Mebaa ha te fatadwa, anka
Solomon mmɛsan Methuselah so, nyɛ ɔbrempɔn
Mafɔn mayɛ ateaa, merebɔ nkɔnkɔn
Ao, m'awu, obi nsɔ me hu
Mayɛ wo bɔne ama no atwa wo nsorumu
Menplay delay tactics, keeping the promises
Mfomsoɔ correction, maake me ‘C'
Asaase Yaa ankɔneama, Beauty Queen
Aserewa sika nsuo, me dɔ wiase
M'akoma tɔfe dɛ, hello wapi

Repeat Chorus 2x

Verse 3
Fa me bɔne kyɛ me o, me gyɔle
Fa me bɔne kyɛ me o, me sweetie
Fa me bɔne kyɛ me o, me gyɔle
Fa me bɔne kyɛ me o, me sweetie
Masan aba (2x), mfomsoɔ deɛ, ɛwɔ nipa ho (2x)
Bɔne a mayɛ wo biara, gyae ma no nka
Asɛm ba, nipa na ɛka
Fa me bɔne kyɛ me o, me gyɔle
Fa me bɔne kyɛ me o, me sweetie
Fa me bɔne kyɛ me o, me gyɔle
Fa me bɔne kyɛ me o, me sweetie

Repeat Chorus till fade

© 4x4

 

Produced by Q-Lex entertainment

Myz.terious's picture

I like Praye songs a lot, including this one, they r so funny

Myz.terious's picture

Does anyone know where I can any sites or anywhere I can download MP3 hiplife songs 4 free pls?.....

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

3188.71