Kookoo aduro


Chorus 2x
Metɔn kooko aduro, sasa, woyare
Pɔmpɔ aduro, sasa, woyare
Bɛribɛri baaba, sasa, woyare
Apolookyo, sasa, woyare
So kudikudi, so kwilikwili (3x)
Kooko aduro o

Verse 1
Papa Driver, mepa wo kyɛw, mepɛ sɛ me ne passengers no kasa kakra
Sima baako pɛ, anideɛ mu ara
Ei, I have a problem with my voice, so I want to speak Twi
Monsi mo tiri ase na yɛnfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa
Ɔtweduampɔn Nyankopɔn Kwame
Ofirikafui, sɔ ne nsa draeve
Akwantufoɔ nyinaa hyɛ wo nsa abre yi
Nsa, owuo, akwanhyia ne yarebɔnee
Wo nkoaa na woyɛ totobronsu Nyame
Pagu daa, ɛmma atanfo nsere
Sɛ obi bɛnya wo a, na ɛfiri yareɛ
Mesama abeiyifoɔ de hyɛ wo mogya anwummire yi
Afodeɛ a, ɔsɛefoɔ ahyehyɛ, angyina
Wɔ Yɛsu din mu, Holy Ghost fire
Fa yɛn kɔduru dwoodwoo, Halleluyah
Amen
Anuanom ne adɔfo, mepa mo kyɛw
Montee me nne a, kooko aduro na metɔn
Hwɛ me nsam mogya nso still mebɔ ho dɔn
Wokaa wo yareɛ na wonyaa ano aduro
Aduro yi, agye din afa wiase afanaa
Suhum, Nsawam station hɔ, na metae tena
Sɛ woantɔ bi a, me nua, agye Dwoada
Mede aba, wo brɛ ne wo haw so atwa
Ɛkrɔ, eyam, pimples, tomtom
Kakawirewire ne tiri ho santopete
Boadwe, ntatea aso ne bese
Nya ahomatea, kakaduro, pɛsɛ weden
Anka twedeɛ so wesa tatahwe
Fa srasra nansa, bosome afe afe
Honam anim yi korosakorosa nyinaa ase bɛhye
Woahyia me yi deɛ, woahyia wo Nyame
Deɛ ɛntumi nkum pɛ ne ɔwɔ
Diabolo, for God sake, matworɔ abɔ hɔ
Hwɛ na me nua woankɔtiti ammɔ hɔ
Ɛbɛhyehye wo, wɔ hɔ

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Woagye wo deɛ, nansa yi wo ho ayɛ fɛ
Woaka m'asɛm ama me tiri mu ayɛ me dɛ
Ɔsono dompe bu a, m'aduro tumi sa
Odwa, bafan, bata ne akyakya
Auntie nurse, ne obi nso, sɔ ne nsa bra
Ɔntumi nnante a, sɔ ne nsa dwa
"Good morning doctor", "good morning m'awuraba"
"How are you", "mente brɔfo, mete Oguaa"
Wo haw ne sɛn?
Dɔkta, meyɛ oguadifo wɔ Kotokuraba
Mekukuru, mesua, me sisi, me donku mu nyinaa asi nta
Adeɛ a ɛɛde, ɛda anum, manya o, odɛɛfua
Captain Planet, duropa, sɛ manhyia
Wonni kudi a, wose aduro nyɛ
Baako, five, fa ten, bɛgye mmiɛnsa
Wowɔ sika a, tɔ bi o, tɔ bi
Mehunuuyɛ a, anka kyokobi adane chicken pox
Mebɔ mo kɔkɔ, tu mo fo, ɛnyɛ by force
Ahwenepa nkasa bebree, mɛtwa ne short
Wopɛ bi na wonni sika a, ma wo nsa so
Aka mmiɛnsa pɛ a, mederebɛkyekyɛ free
Ei Ghanafoɔ ne free
Hwɛ sɛ mekaa free deɛ, obiara ama ne nsa so
Ɔbɛtɔ de anya yaresa deɛ, anka ɔdebɛnom nim tree
Mehyɛ akurase retete ahaban, na ɔhyɛ kurom renom tea
Afei na mekaa free deɛ, woama ne nsa so
Ɔkyena, kɔ credit, come tomorrow

Repeat Chorus 2x

Verse 3
Aduro no nie e, medeaba e
Sɛ woantɔ bi a, sɔre gye wo deɛ
Aduro no nie e, medeaba e
Sɛ woantɔ bi a, di ho adanseɛ
Me nkoaa aduro n'atu kakawirewire
Front seat and back seat, mongye bi nkɔ fie
Mɛnfa wo yareɛ mmɔ wo nana bayie
Me nkoaa m'aduro na meredi adanseɛ yi e
Aduro no nie e, medeaba e
Sɛ woantɔ bi a, sɔre gye wo deɛ
Aduro no nie e, medeaba e
Sɛ woantɔ bi a, di ho adanseɛ
Kooko aduro o

Repeat Chorus till fade

© 4x4

Related
Museke song lyricsJama1, Maye wo bone a, fakye2, Me dofo Akua3, Afrikan gurlz (African girls)6, Number One Fan7, Africa Money8, U go say9, Obia nye obia10, Give me blow12, Mekura mu14, Woso remix16, Woso17, Kwame Ghana18, Medo mmaa19, Odo nkyen20, Krokyea22, Obaa pa23, Siesie obaa no26, Odo esisi me27, Frema28, Goosy Gander29, Big dreams30, Esikyire (don't change your style)31, Awo ye ya33, Kro hin kro35, Esi36, Asesa37, Aketesea (remix)38, Aketesea39, Green Card40, Smallest time41, In Ghana42, Mek u no try43, Supa Chompia44, Kokonsa45, Never die46, Ahomka wo mu47, Manenko48, My love49, African Queen50, Ebe like say51, If love is a crime52, See me so53, Letter to my brother54, Kpo kpo di kpo55, Kolomental56, Faze Alone57, Tattoo girls58, Alphabetic love60, For Instance61, Enter the place62, Nfana Ibaga (No Problem)63, Me ne me joley65, Konkontiba66, Linda67, Shordy68, Heavy69, E dey be70, Yopoo71, 16 years72, Keep your eyes on the road73, African boy74, U lied to me76, Nya ntetee pa78, Kangaroo79, Oye nonsense80, Helepu81, Me yere ne me mpena82, Okomfo kom (AIDS)83, Philomena84, Aden85, Na ya tal86, Mapouka87, Bo Atenteben88, Ohia nka mmaa90, Sete91, Ahwedee Abena92, Esisi me so93, Kwani Kwani94, Okoaba95, Obibini96, Okafo didi (Agya Koo)97, Medo98, Anyen (devil) remix99, Fefe n'efe100, Yese hmm (freedom of speech II)101, Letter to Parliament102, Pae mu ka103, Girlz girlz104, Koti106
Museke mixes/playlistsHiplife4
Museke artistesAsaase Aban5, Asem11, OJ Blaq13, Richie15, Akyeame21, Okyeame Kwame24, Okyeame Quophi25, Wutah32, Nana Kontihene34, Faze59, VIP64, Obrafour75, Batman Samini77, Mzbel89, Triple M105
 

Produced by Q-Lex entertainment

pauletta's picture

papa driver, mepawokyew, mepe se me ne passengers no kasa kakra, damn, i love ghana and i love this song

G-clef's picture

yea this song rocks, have you seen hotgirls.com, the new one by 4x4, that one is madd funny

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1540.91