View all from George Jahraa
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryYaw BurgerGeorge Jahraa, Okyeame KwameTwi5:08George Jahraa2004
Foforɔ ama Ghanafoɔ
Monfa nsa mommra ma yɛnyɔ
Chorus
Me ne wo dɔ yi o (3x)
Me ne wo dɔ yi asɔ
Me ne wo dɔ yi o (3x)
Me ne wo dɔ yi asɔ
Ogya da mu, aben
Mama wo dɔ yi, ɛhyehye
Don't touch, hmm hmm
Sɛ wosɔ mu a, ɛyɛ asɛm
Ɛnyɛ asɛm a, asɛm sɛbɛ
Kyerɛ me aseɛ
Na mɛte aseɛ, anwummire yi
Firi sɛ me ne wo dɔ yi, asɔ
Merebisa wo sɛ
Mede m'akoma nyinaa ara
Hyɛ me dɔfo yi nsa a
Wobɛsɔ mu yie, anaa
Firi sɛ, nea mepɛ ara ne sɛ
Medayi yɛ mempa so a
Ɛwoɔ to wo a, merehwii
Bugu me tɛkrɛma so
Na metafere, tɛkrɛma dɛ
Me toffee yi, kosa dɛ
Nana Ama e, nkɔmɔ dɛ
Ɔde akyerɛ me o, adedɛdɛ
Check this, mechecke
Ɛtoo wo sɛn, meyaada
Kabi ka ho, mefeeli
Firi sɛ, me ne wo dɔ yi, asɔ
Yɛnto abasa kɔn mu nfa kurom
Mma Ghanamma nyinaa nhu sɛ
Wo ne me number one
Wo na wo ma m'ani gyeɛ
Obi nni w'anim, obi nni w'akyi
Woakyerɛ me ɔdɔ
Sɛ pono da m'akoma mu ho a
Mɛma wo akɔyɛ m'akoma mu
Na wobɛgye adi sɛ, meda hɔ ma wonko
Menim nea wopɛ darling
Mɛyɛ ama n'aboro woso
Ka w'akoma to wo ya mu
Cuz wo dɔ yi, ahyɛ me ma
Don't move, attention
Wokɔ me yi, me function
Fa me ko slow motion
Licki licki don, asɔ
Woadedɛdɛ, ma mashocko
Odo nsa yi, ama malocko
Chilling, na yɛrechilli
Firi sɛ, me ne wo dɔ yi, asɔ
M'akoma mu hemaa
Wo dɔ yi te sɛ atadeɛ a, mese me ne wo bɛhyɛ
Sɛ ɛtete a, yɛapempam
Meara me deɛ Maame
Wo dɔ yi te sɛ charlewote mpo a, mese me ne wo bɛhyɛ
Sɛ ɛtutu a, yɛaboobɔm
Ɔdɔ me a, menso medɔ no bi
Ɔpɛ me a, menso mepɛ no bi e
Maka ntam adi so sɛ me ne no bɛyɔ
Ɔdɔ me a, menso medɔ no bi
Ɔpɛ me a, menso mepɛ no bi e
Maka ntam adi so sɛ me ne no bɛwu
Mefeeli, mechecke, mediggy
Ɔdɔ bɛbɔ me tyre, Sweetie
Wo dɔ nko na me yada, sugar
Wopa nso nko ara mɛda, mɛda
Ɔdɔ dɛdɛ te sɛ sugar, meyaada
Dɔkɔdɔkɔ te sɛ fanta, asɔ
Masɔ woahwɛ ama mɛnya wo gyedi
Nea wobɛyɛ biara na me feeli
Wobampa mu nampa mu nkoa na mɛwe
W'ano fɛɛfɛɛfɛ yi nkoa ara mɛfe
Sɔ me mu na hwɛ m'anim
Bɔme nkɔmɔ to kplɛlɛ
Me ne wo dɔ yi, asɔ
Yɛnto abasa kɔn mu nfa kurom
Mma Ghanamma nyinaa nhu sɛ
Wo ne me number one
Wo na wo ma m'ani gyeɛ
Obi nni w'anim, obi nni w'akyi
Woakyerɛ me ɔdɔ
Rap Doctor
Ɛnti na ɛka me last a na ɛkɔm de m'ani di a
Mɛyɛ woapɛdeɛ sɛdeɛ wonni ya
Mɛyi m'akoma mu nyinaa sɛ
Me ne wo ara na ɛrɛkɔ
Sɛ wonni hɔ a, awɔ
Ɛnti bra ma yɛmmo nkɔmɔ
Me ne wo ara na ɛrekɔ
Wogyaa me mu a, mɛyɛ mɔbɔ
Yɛnto abasa kɔn mu nfa kurom
Mma Ghanamma nyinaa nhu sɛ
Wo ne me number one
Wo na wo ma m'ani gyeɛ
Obi nni w'anim, obi nni w'akyi
Woakyerɛ me ɔdɔ
© George Jahraa
Produced by Slip Music













Poster un nouveau commentaire