View all from K. K. Fosu
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryAnadwo ye deK. K. Fosu, Tinny, SaminiTwi, Ga4:37Kaakyire Kwame Fosu2004
Hook 4x
Suudwɛ, suudwɛ, suudwɛ dwɛ dwɛ dwɛ, dwɛ dwɛ (2x)
Verse 1
Hena ba nie, woakyerɛ me ɔdɔ
Nokwarɛ yɛnka na ɔdɔ yɛ dɛ o
Ɔdɔ yɛ dɛ o, ah
Aduane bi si nkwanta no so
Madi adi adi ara, ase ntu ara da o
Ase ntu o, Nyame anoa
Wei deɛ, mɛdi ɛdi biom
Mɛdi ɛdi biom (3x)
Aprapransa yi a, mɛdi ɛdi biom
Nsa yi o, mɛdi ɛdi biom
Aprapransa yi a, mɛdi ɛdi biom
Nsa yi o, mɛdi ɛdi biom
Hyii e, na ɔbaa nie e
Pati e, nokwarɛ, wo dɔ yɛ dɛ o
Sɛ ɔdɔ, mefom wo a, kakyerɛ me na abofra bɛfom
Meyɛ wo bɔne a, kakyerɛ me o, nakae nɔɔ
W'ade dɛdɛ yi asɔ m'ani
Ɔdɔ, ɛno nti meeda a, menna
Oh, menna o, ah, menna a
W'ade dɛdɛ yi asɔ m'ani
Ɔdɔ, ɛno nti meeda a, menna
Oh, menna o, ah, menna a
Chorus
Ɔdɔ bɔ adwe ma me o, na mɛwe
Bɔ adwe ma me o, mɛwe
Bɔ adwe ma me ɛ, mɛwe
Bɔ adwe ma me ɛ
Me dɔ e, bɔ adwe ma me o, mɛwe, mɛwe
Bɔ adwe ma me o, mɛwe
Bɔ adwe ma me ɛ, mɛwe
Mɛwe ama me se atu
Verse 2
Sei yi ara na mepɛ no o
Ɔdɔ, bɔ adwe ma me o, na mɛwe
W'ade buo nti no (2x)
Mete wo so a, masɔre
Bue, adeɛ yi akye me o, nti no
Matɔ ɔdɔ aburam, maka mu o
Mete wo so a, masɔre
Bue, adeɛ yi akye me o, gyamai nti no
Mehia w'ano nsuo, mehia w'ano nsuo o
Verse 3
Boi, ɔdɔ yɛ dɛ o (2x)
Wo dɔ no afira m'ani asi m'aso
Megye me ho a, ɛngye o, ɔbaa bi n'ahoɔfɛ
Gyina ma yɛnmmɔ nkɔmɔ
Ɛsono ahoɔfɛ na ɛsono ɔdɔ
Ɛsono wusie na ɛsono ɛbɔ
Ɔdɔ bi yɛ owuo o, woyo woyo woi
Gyina ma yɛnmmɔ nkɔmɔ
Ɛsono ahoɔfɛ na ɛsono ɔdɔ
Ɛsono wusie na ɛsono ɛbɔ
Ɛsono wusie na ɛsono ɛbɔ, ɔbaa e
Repeat Chorus
Repeat Hook
Verse 4
Hmm, na mmaa nie
mmaayewa e, mo hoɔ fɛ o, yaanom
Agya Onyame abɔ yɛn akadeɛ o, mmarima no
Na ɛnso, yɛnto mo asɛm hunu ara da o
Ɛnkanka ne ɔbaa a, medɔ no
Pati e, wo ara na mepɛ, ɔbaa yi hoɔ fɛ o
Me nua adom me akyɛdeɛ, hmm
Saa adeɛ no, ɛyɛ me dɛ o
Ɛyɛ me dɛ, na ɔdɔ a, medɔ no
Repeat Hook
Repeat Chorus
© K. K. Fosu
Listen to the Suudwe audio/song by K K Fosu, Batman Samini
Produced by OM Music













THIS SONG IS HOT
i love the dance for this song oh my days
Poster un nouveau commentaire