View all from Kwaisey Pee
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryMakomaKwaisey PeeTwi4:282Kwasi Poku Addae
Five o'clock
Verse 1
Anɔpa tutuutu bi a, akoakoatseaa
Meda me baabi redwen me ho o
Afei menkɔ nkɔte a, me telefon aringi
Anɔpa tutuutu yi deɛ, hwan koraa
Nti megyee so
Hello, who's on the line
Afei, menkɔ nkɔtie a
Me dɔfo wiase a, metee ne nka akyɛ
Ɔno na ɔgyina ahomatrofo yi so a
Ɔhemaa e, ɔhemaa kasa, kasa kasa na mafe wo
Oh, me dɔhene mafe wo
Firi abrɛ a, wogyaa me hɔ no ɛ
Meda a, nna o, meda a, nna o
Mekɔ kɛtɛ so a, dae nkoaa
Wo ho adwendwen a, na ɛku me e
Ɔdɔ e (2x)
Wonim sɛ wo ne me nsroma
Wo ne me hyia a, na ɛsum aduru me
Ɛnti to wo ho bɛbɔ me
Na menhu sɛ, wotwere me ho, ɔdɔ e
Ɛnti anwummire yi
Chorus 2x
Hyia me nɔnnum, ɔdɔ e
Na yɛndidi yɛn ho nkɔmɔ, nkɔmɔ o
Na yɛndidi yɛn ho nkɔmɔ
Hyia me nɔnnum (2x)
Na yɛndidi yɛn ho nkɔmɔ, nkɔmɔ o
Na yɛndidi yɛn ho nkɔmɔ, ɔdɔ e
Hyia me nOnnum, ɔdɔ e
Na yɛndidi yɛn ho nkɔmɔ, nkɔmɔ o
Na yɛndidi, na yɛndidi
Verse 2
Hyia me nɔnnum
Na yɛntu kwan nkɔ ɔdɔ kurom, nkɔto adonko
Mede honey oil, na ɛbɛfa yɛn dɔ yi ho ama yɛ dɔ yi ayɛ dɛdɛɛdɛ
Nkɔmɔ a, yɛrebɛdi yi, ɔbi nte bi
Asɛm a, yɛbɛka no yɛ kokoɔ mu asɛm, ɔdɔ e
Waka a, mate, me nan si kwan so a, mereba o
Okay, mate
Chorus 2x
Ɛnti hyia me nɔnnum, ah
Na yɛndidi yɛn ho nkɔmɔ, ah
Na yɛndidi, na yɛndidi
Repeat Chorus till fade
© Kwaisey Pee
Produced by New Era Productions













Poster un nouveau commentaire