Awurade kasa
http://ghanamusic.com/artman/uploads/cindy_l_00.jpg
View all from Cindy Thompson
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryCindy ThompsonCindy's Messiah2000Cindy ThompsonTwi17:40
Verse 1
Mobrohufo agya ei
Me kamafo Jesus a
Wo na mede me haw nyinaa
Bra, aba w'anim o
Na menim sɛ wo Awurade, wokasa a
Me haw nyinaa
Me dadwene nyinaa
Ɛbɛyɛ din
Ɛno nti, mesrɛ wo
Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Me Nyame kasa
Ao, m'awurade kasa
Yee, Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Me Nyame kasa
Ao, m'awurade ka bi ma me ɛ
Yee, Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Verse 2
Ɔko a mereko yi wɔ abrabɔ yi mu
Meyɛ adwuma biara a, ɛnyɛ yie
Ao, Awurade ei, me brɛ yi ɛnduru w'anim anaa
Me Nyame kasa
Ao, m'awurade kabi ma me ɛ
Yee, Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Asɛm a ato me yi wɔ m'adwuma yi mu
Meyi m'ano biara a, ɛnyɛ yie a
Ao, Awurade ei, m'asɛm yi ɛnduru w'anim anaa
Me kamafo kasa
Ao, m'awurade ka bi ma me o
Yee, Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Verse 3
Anisuo a merekyi yi wɔ m'awareɛ yi mu
Ɛne adwodwoo bebrebe a, menya mmua
Ao Awurade ei, m'atete yi ɛnduru w'anim anaa
Me kamafo kasa
Ao, m'awurade ka bi ma me o
Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Sɛ wanka biribi ankyerɛ me a
Me Nyame, sɛ wanhyira me ɛnnɛ a
Menyɛ wo mo o
Awurade kasa
Ma m'akoma ntɔ me ya mu o
Repeat Verse 1
Repeat Verse 2
Repeat Verse 3
© Cindy Thompson
| Related | |
|---|---|
| Museke song lyrics | Awanwan do1, Lord my God2, I am for Jesus3, Awurade aye4 |
| Museke artistes | Cindy Thompson5 |
Produced by





















This song brings tears to my eyes. Even when Cindy is singing it, you feel like she's crying. Such an emotional song. Did you see those NPP supporters in 2000 at that rally when they were singing it? Grown azz men crying over a song. No wonder God blessed them and helped them win the election. Cindy Thompson, woye bia!
luv ur page
yea, isn't this song just great? the lyrics are so touching and emotional.
lyrics translations coming soon on the lyrics page.
Poster un nouveau commentaire