View all from Cindy Thompson
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryCindy's MessiahCindy ThompsonTwi6:183Cindy Thompson2000
Verse 1
Ɛyɛ ampa ara sɛ, Ɔnyankopɔn, woyɛ ɔdɔ
Yesu dɔ yi, medwen ho a, mente ase
Ɛnka me deɛ, adwuma papa bɛn na mayɛ a
Ɛno nti, wo ba bɛwuu animguaseɛ wuo de ma me
Na ɛmom wama me ate aseɛ sɛ
Sɛ ɛnyɛ ɔsoro ne asaase ntam ware no
Saa ara na woayi me nfomso nyinaa ara ɛfiri hɔ
Anuonyam adehye mogya, ɛfiri ne keka due ne wo
Ɛno na, ama medi bem wo agya no anim
Ɛno nti, mɛyi wo ayɛ daa
Mɛhyɛ wo anuonyam
Na makae deɛ wo mogya tumi no, ayɛ ama me
Chorus 3x
Awanwan dɔ bɛn ni
Sɛ Yesu wuu ma me
Wasoa me bɔne nyinaa wɔ asendua no so
Awurade m'agyenkwa
Wo mogya no na ama medi bem
Yesu, nea wayɛ yi
Me nso medi w'akyi daa
Verse 2
Ɛyɛ ampa ara sɛ, Ɔnyankopɔn, woyɛ ɔdɔ
Yesu dɔ yi, medwen ho a, mente ase
Ɛnka me deɛ, adwuma papa bɛn na mayɛ a
Ɛno nti, wo ba bɛwuu animguaseɛ wuo de ma me
Na ɛmom wama me ate aseɛ sɛ
Sɛ ɛnyɛ ɔsoro ne asaase ntam ware no
Saa ara na woayi me nfomso nyinaa ara ɛfiri hɔ
Anuonyam adehye mogya, ɛfiri ne keka due ne wo
Ɛno na, ama masɛ bi wɔ agya n'anim
Ɛno nti, mɛbɔ no ose daa akyerɛ amansan
Na maka deɛ ne ho sɔreɛ tumi no, ayɛ ama me
Repeat Chorus (loop)
Awanwan dɔ na ama me nso mete ase yi
Ɛbɔ me ho ban
Ɛwɔ m'akwan nyinaa ara mu
Ɛno na ama me nso mekeka me ho
Yesu, wo dɔ yi deɛ ɛyɛ ɔdɔ
Ɛno na ama me nso medi bem wɔ kronkron agya no anim
Ɛno na, ɛno na ama mayɛ fɛ dɔ ba
Repeat Chorus (loop)
Ao, me nte, na yɛregu w'anim ase yayaaya yi
Me nti, na yɛrewɔ wo nfe bi a
Sɛ neɛ ɛbɛyɛ a, me nso, menya nkwagye o
Ɔdɔ yɛwu, wo dɔ yi deɛ, yɛnte ase daa
Verse 3
Medi w'akyi daa agya ei
Me Nyame ei
Ɛnka me bɔne bebrebe anim adekye a yi
Nka hwan na ɔbɛgye me nkwa
Na asaase nanka
Agya Ɔnyame, dɔ ba koro ei
Me nso, mensi dɛn nyi w'ayɛ Agya ei
Sɛ menkoto wo
Sɛ mensɔre wo
Na mempae mu nka sɛ wiase adasaman nyinaa
Mommera mmehwɛ mo Agyenkwa hene no
Na wagye wiase tumi nyinaa ahyɛ n'anaase yi
Repeat Chorus (loop)
Awanwan dɔ na ama me nso mete ase yi
Ɛbɔ me ho ban
Ɛwɔ m'akwan nyinaa ara mu
Ɛno na ama me nso mekeka me ho
Yesu, wo dɔ yi deɛ ɛyɛ ɔdɔ
Ɛno na ama me nso medi bem wɔ kronkron agya no anim
Ɛno na, ɛno na ama mayɛ fɛ dɔ ba
© Cindy Thompson
| Related | |
|---|---|
| Museke African song lyrics | Lord my God1, I am for Jesus2, Awurade aye3, Awurade kasa4 |
| Museke African artistes | Cindy Thompson5 |
Produced by













, USD 19.88 only.
the way sing your song makes me change from my sins
Poster un nouveau commentaire