View all from Cindy Thompson Cindy's MessiahCindy ThompsonTwi5:392Cindy Thompson2000
Chorus 4x
Awurade, wayɛ, wayɛ ade nyinaa foforo
Me hyɛbrɛ nyinaa, wasesa ama me
Verse 1
Ɛnnɛ, me nie
Me na Awurade ayɛ me sɛ yie
Adeɛdfinkyire te sɛ me
Menni anuonyam wɔ biribiara mu yi
Ɔbaa adesɛefoɔ a te sɛ me a
Yɛde me yɛ hwee a, ɛnyɛ yie
Nanso yɛnfa me nyɛ hwee no
Sɛ na menhuuyɛ Awurade o
Wagye me ɛfiri nomee nyinaa mu
Ɔde n'anuonyam ahyɛ me ma
Ɛnnɛ, n'adom nti, wama me ayɛ ɔdehyeɛ o
Sɛ mekae yareɛ a, ɛbɔɔ me a
Me deɛ, menim mennante da
Me deɛ, menim sɛ menyɛ yie o
Ɛnka me deɛ menam hen na mayɛ yie a
Nanso mehyiaa m'agyenkwa no a
Wabubu me ho mputre nyinaa
Ɛnnɛ n'adom nti, me nso ama me deɛ o
Mese, wɔasesa, wɔasesa, me hyɛbrɛ nyinaa
Wɔayɛ ade nyinaa
Me Nyame, wɔayɛ ade nyinaa foforo o
Repeat Chorus (loop)
Wayɛ ade nyinaa foforo wɔ m'abrabɔ yi mu ama me o
Wɔasesa me hyɛbrɛ nyinaa
Wɔahyɛ me anuonyam
Wɔama me nso, masɛ m'afahyɛ brɛ yi o
Ɔno na wɔayi m'anim asɛ nyinaa
Ɔde nsre nyinaa abɔ me bire
Na wɔama makyɛn me hyɛbɔ nyinaa
Me ampa ara na me nie yi (2x)
Ao, Awurade, wo nsa no adwuma, ɛyɛ wanwa wae
Meda wo ase Agya ei
Verse 2
Me nua dɔfo ei, bra
Na Awurade bɛyɛ ama wo nso o
Sɛ nea wote bi ara, ɛnka akyire mma Nyame wae
Nneɛma wakyinkyin abrɛ a
Ama wahwe w'agyapadeɛ nyinaa
Nanso wanya ho mmua no
Awurade wɔ ho kwan ma wo o
Sɛ wobɛgya w'akoma nyinaa ama no a
Sɛ ɔnfa wo nyɛ deɛ ɔno pɛ a
Mobrohufo Nyame no
Ɔbɛma wo akyɛn wo fɛfo nyinaa
Mese, Awurade, ɔbɛyɛ, ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo
Me Nyame, ɔbɛyɛ, ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo
Repeat Chorus (loop)
Ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo wɔ w'abrabɔ yi mu ama wo o
Onua ei, ɔbɛsesa wo hyɛbrɛ nyinaa
Ɔbɛhyɛ wo anuonyam o
Ɔbɛma wo nso, wasɛ w'afahyɛ brɛ yi o
Ɛno nti, gyae su ne adwendwen
Gyae awerɛho yi
Gyae nkɔmo ne akyinkyin yi nyinaa ara
Na ɔboafo nyi beebia
Awurade nko ara na ɔbɛtumi ayɛ wae (2x)
Ɛno nti, hwɛ n'anim ne mpaebɔ o, wae
Ɛdeɛn koraa na worehwehwɛ a
Ɛba anaa, sika anaa, anounyam anaa,
Awurade ɔtumi nyinaa ara yɛ o
Ɔno na ɔkasa a, ɛba mu o
© Cindy Thompson
Listen to the Awurade aye song/audio by Cindy Thompson
| Related | |
|---|---|
| Museke African song lyrics | Awanwan do1, Lord my God2, I am for Jesus3, Awurade kasa4 |
| Museke African artistes | Cindy Thompson5 |
Produced by













Poster un nouveau commentaire