View all from Obrafour
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryAsem SebeObrafour, Yoggi Doggi, King LabitoTwi5:207Michael Kwabena Okyere Darko2001
Mɛka, amanfoɔ
Ɔbrafoɔ, rap sɔfoɔ
Ne nwanwaa, afe wei, m'asesa mu
Highlife, ɛda mu, yooko, yooko
Yaw Labito, Yaw, yɛnko
Verse 1 2x
Akwantuo mmɔsoɔ awerɛhoɔ o
Woankɔ bi a, wose yɛnkɔ
Yɛretu bata akɔpɛ biribi aba
Yɛn na yɛn nie
Ɛnkanka sɛ wonni abusua biara
Wonya asɛm a, hwan na ɔbɛka bi ama wo
Beebi dehyeɛ dane beebi akoa
Ne mmɔbrɔ o
Yei, bra fie
Chorus 2x
Akwantuni e, sɛ woankɔ a, bra fie
Verse 2
Maame Serwaa kɔɔ yɛ akyɛ o
Dabɛn na ɔbɛba
Okunu ne ɔmaa o
Hwɛtuo mu abrɛboɔ
Dantuo hoɔ awɔsia
Anigyina bɛku yɛn
Maame e, bra fie
Ekuo Kwaku Kwaku kɔɔ yɛ akyɛ o
Dabɛn na ɔbɛba
Ne yere ne ne mmaa o
Wɔn adidie mu o
Kwaku, wɔn ayam wɔn
Twa w'ani bɛhwɛ w'akyi ɛ
Wokɔɔ yɛ akyɛ o, bra fie
Repeat Chorus 2x
Verse 3
Ah, mamenka, mɛka
Tie, tie, ɛbɛn nfie du nie a Kwaku tuu bata
Ɔnfrɛ, ɔmmane, yɛnte ne nka
Ɛreka me ayɛ sɛ, ɔne fie ayɛ aka
Barima ba, de ahwɛaseɛ ayɛ ɛna
Akwantuo ɛyɛ ya, ma nipa abɔ asesa
Yɛahwɛ w'anim ara
Afei deɛ yɛreyɛ apaa aba
Wo ho adwendwen nti
Mede ɛduku abɔ me yam
Beebi ara wowɔ biara, sesa wo nneɛma ntɛm
Ɔdehyeɛ ba, ɛnnɛ ma menka w'asem
Wo nsa akyi bɛyɛ wo dɛ a, ɛnte sɛ wo nsa ya mu
Kwaku tie, anomaa gya ne mma wɔ ɔpreguom
Ɔkɔ akyiri kɔpɛ aduane a, ɔbɛsan aba biom
Kae hunu sɛ, woagya abusua wɔ nfituom
Bebree asisi, woante
Bɔ mmɔden, twa w'ani bɛhwɛ w'akyi
Ɔkwan biara so, hwɛ w'akyi
Hook 2x
Ɛnkɔsi nna hen a, ofie ne fie
Sɛ wokɔ na sɛ anyɛ yie a, san bra fie
Sɛ mutu anwea ne a
N'akyi ara na ɔkɔ (2x), bra fie
Verse 4
Aburokyire abrabɔ, ɛnna fɔm
Me nua, pɛ ani bɛhwɛ
Krataa asɛm ne koti asɛm
Nti na, ama matetɛ
Menya anka mɛba, nso me bɔtɔ mu nyɛ
Mekɔ mebɔ bosea koraa a, mɛyɛ dɛn atua
Ɛnyɛ easy, Okwantuni mɛyɛ dɛn anɔpa
Wɔ muo nanteɛ, daabi mɛsan mɛba
Ti mu bosuo, pɛ ani bɛhwɛ, ɛnyɛ asɛm ketewa
Kakra a, madi nti wa ma merebrɛ yi a
Kakra a m'adi nti na m'ano rebrɛ yi o
Repeat Chorus till fade
Okwantuni, sɛ woankɔ a, bra fie
Na ofie ne fie, Okwantuni
© Ɔbrafoɔ
Produced by 1st Class Ent













, USD 48.97 only.
I love dis song, Obrafuo can do some good highlife too. Been looking for this one, anyone know where I can download it?
Poster un nouveau commentaire