Ahomka wo mu

  • http://www.ghana.co.uk/shop/productimages/415.jpg
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from VIP
    VIP
    Ahomka wo mu
    2003
    Abdul Hamidu Ibrahim (Lazzy), Emmanuel Promzy Ababio (Promzy), Joseph Nana Ofori (Prodigal)
    Twi
    1
    5:24
    http://www.youtube.com/watch?v=HJ0JulR5P6w

Hook
Somebody yeah somebody yeah
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what

Lazzy Chorus
W'anim, w'akyi, ahomka wɔ mu
Wo honam wo biribi ara anigye wɔ mu
Wo nsa ho aduane koraa na ɛku me o
Ɔdɔ yɛwu me ne wo ara o

All
Wo ara na me ne wo bɛwu, bɛwu
Ɔdɔ yɛwu me ne wo bɛwu, bɛwu (3x)

Singing:
Nipa dasani
Ahoɔfɛ na adware wo sei a
Mentumi nna, mentumi nnante
Ɔdɔ yɛwu e
Sɛ m'anhu wo a, mentumi o
Mereyɛ ayare, mereyɛ abɔdam
Daabi ara ne adwendwen
Cee-koni e, woreyɛ ɛku me o, Ɔdɔ e

Repeat Lazzy (Chorus)

Promzy:
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what, what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, yeah yeah yeah

Repeat Lazzy (Chorus)

Promzy Rap
Ɔbaa ne honam hyɛnn te sɛ ahwehwɛ
Mo ara monim sɛ mmaa yi bi na yɛpɛ
Sɛ wo ne no nam a, na biribi ara ayɛ fɛ
Biribi ara ayɛ gyɛ, na atanfo tetɛ
Motee yɛn nka akyɛ, y'aba yɛn nie
Ɛnyɛ ɛnumdwa ɔbaa mu baa nie
Asɛmpa abɛdwa, amanfoɔ, mommɛtie
Cee-koni tuntum broni
Ahokyerɛ mu o, anigye mu o
Ɔbɔ me ho te sɛ atadeɛ
Mete ne so a m'asɔre firi sɛ ɔbaa yi yɛ adeɛ
Ne suban ne me suban te sɛ Reed ne Adiza
Biribi ara kɔ so pɛpɛɛpɛ
Sweet Lady n'anum kasa dɛdɛɛdɛ
Fɛfɛɛfɛ ɔbaa yi yɛ adeɛ
Hwan na ɔmpɛ adepa m'anya anka
Mmaa nyinaa suban te sɛ ɔbaa yi sɛ
Mefrɛ no koraa ogye me so darling
Sɔre kɔ mpaso-
Girl: your wish is my command
Te wo kɛtɛ ka-
Girl: your wish is my command
Gogo wo ho ma me ɛ-
Girl: your wish is my command
Ɔhemaa bɛsɔ me mu ɛ-
Girl: your wish is my command
Yɛnkɔ ɛ

Repeat Lazzy (Chorus)

Singing:
Na woman be this, so so beauty de bath am o
She make I de sick, I no de fit walk
Oh my love, if you leave me I go die o
So so wahala So so shakara
So so think I de think
Cee-kɔni e, ibi your love go kill me oo
Ɔdɔ e

Repeat Lazzy (Chorus)

Prodigal Rap:
Ɛyo, girl bɛn, girl bɛn ne hoɔ fɛ sei
Sɛ mese mereka ne ho asɛm a
Ɛnnɛ deɛ yɛnwie
Ɔbaa maame water, ɔma me feeli better
Awɔ de me na ɔte me nkyɛn koraa a
Menhia sweater
Mo ara monim sɛ ɔbaa yi yɛ me number 1 lover
Sɛ ɔbie n'ano kasa a
Wotumi hu sɛ ɔyɛ ɔbaa mu special
Ɔde ntoboase, ntease na ɔne me tena
Ɔbaa wei deɛ ɔnma me pressure
Wompɛ wei Jack na wopɛ deɛn?
Sɛ ɔtwa mu a, na amanfoɔ ferɛ no sweety sweety
Na wɔama ɔmo wiper
Firi sɛ ɛyɛ ɔbaa V.I.P
Kyerɛ sɛ very important personality
Ne biribi ara ɛyɛ quality
Ampa, ɔbaa yi, ɔkuta beauty
Sɛ mo checke, sɛ mo feeli, sɛ mo diggy
Ɔdɔ ahomateaa, ɔnni hɔ a na m'afɔn aka teaa

Repeat Lazzy (Chorus)
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what, what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ yeah yeah yeah

Repeat Lazzy (Chorus till fade)

© VIP

:

Watch the Ahomka wo mu video by VIP
Cameos by the late Terry Bonchaka and Suzzy Williams

 

Produced by Goodies Music

Asiedu's picture

w'anim w'akyi, ahomka wom... I play this song at every party! and the video is good too and I miss Suzzy Williams paa, may she rest in peace. Oh, and my man Terry Bonchaka was in the video too, he's sooo funny.
VIP is the best hiplife group and they are going international!

Adjoa's picture

Yes, Ahomka womu is the best!
I lurrv VIP!

Chale's picture

Check out Homegrown, an upcoming documentary about VIP and Hiplife

Translations to Akan Twi lyrics in Ahomka wo mu (means 'there is comfort in it)
;-)
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, sɛ wo checky what - It is good (great), you are checking (liking) it

W'anim, w'akyi, ahomka wɔ mu - Your front, your back, there is comfort in it
Wo honam wo biribi ara anigye wɔ mu - All over body, there's happiness in it
Wo nsa ho aduane koraa na ɛku me o - (Your) food from your hands (cooking) is what is killing me (killing here means I am loving it)
Ɔdɔ yɛwu me ne wo ara o - My love till death, it's me and you forever

Wo ara na me ne wo bɛwu, bɛwu - You are the one I will die with

Nipa dasani - Earthly human
Ahoɔfɛ na adware wo sei a - It is beauty that has bathed you like this
Mentumi nna, mentumi nnante - I can't sleep, I can't live
Ɔdɔ yɛwu e - My love till death
Sɛ m'anhu wo a, mentumi o - If I don't see you, I can't
Mereyɛ ayare, mereyɛ abɔdam - I am going sick, I am going mad
Daabi ara ne adwendwen - Everyday I keep on thinking
Cee-koni e, woreyɛ ɛku me o, Ɔdɔ e - Cee koni, you are about to kill me, my love

Ɔbaa ne honam hyɛnn te sɛ ahwehwɛ - This woman's body is as shiny as a mirror
Mo ara monim sɛ mmaa yi bi na yɛpɛ - You all know these are the kind of women we want
Sɛ wo ne no nam a, na biribi ara ayɛ fɛ - If you are walking with her, then everything is nice
Biribi ara ayɛ gyɛ, na atanfo tetɛ - Everything is great, and all enemies will be hiding
Motee yɛn nka akyɛ, y'aba yɛn nie - It's been a while since you heard from us, we have come, here we are
Ɛnyɛ ɛnumdwa ɔbaa mu baa nie - It's not bragging, this is a woman amongst women (a great woman)
Asɛmpa abɛdwa, amanfoɔ, mommɛtie - Some good news has landed, people, come and listen
Cee-koni tuntum broni - Cee-koni, black white-woman
Ahokyerɛ mu o, anigye mu o - In times of hardship, in times of happiness
Ɔbɔ me ho te sɛ atadeɛ - She is stuck to me like a dress
Mete ne so a m'asɔre firi sɛ ɔbaa yi yɛ adeɛ - When I am sitting on her, I have gotten up (colloquial for it's good to be with her) because this woman does well
Ne suban ne me suban te sɛ Reed ne Adiza - Her behaviour and mine is like Reed and Adiza
Biribi ara kɔ so pɛpɛɛpɛ - Everything goes on correctly (rightly)
Sweet Lady n'anum kasa dɛdɛɛdɛ - Sweet lady, her speech is so sweet
Fɛfɛɛfɛ ɔbaa yi yɛ adeɛ - Beautifully, this woman does well
Hwan na ɔmpɛ adepa m'anya anka - Who doesn't want a good thing that I have gotten then
Mmaa nyinaa suban te sɛ ɔbaa yi sɛ - Every woman's behaviour would be like hers
Mefrɛ no koraa ogye me so darling - Even when I call her, she responds "Darling"
Sɔre kɔ mpaso- - Go onto the bed
Girl: your wish is my command
Te wo kɛtɛ ka- - Help, help, somebody
Girl: your wish is my command
Gogo wo ho ma me ɛ- - Be humble for me
Girl: your wish is my command
Ɔhemaa bɛsɔ me mu ɛ- - My queen, come and hold me
Girl: your wish is my command
Yɛnkɔ ɛ - Let's go

Ɛyo, girl bɛn, girl bɛn ne hoɔ fɛ sei - Hey, what girl, which girl is so beautiful like this?
Sɛ mese mereka ne ho asɛm a - If I say I am talking about her
Ɛnnɛ deɛ yɛnwie - As for today, we will not finish
Ɔbaa maame water, ɔma me feeli better - A mermaid woman, she makes me feel better
Awɔ de me na ɔte me nkyɛn koraa a - Even when I am cold and she is (sitting) near me
Menhia sweater - I don't need a sweater
Mo ara monim sɛ ɔbaa yi yɛ me number 1 lover - You all know this woman is my number one lover
Sɛ ɔbie n'ano kasa a - If she opens her mouth to speak
Wotumi hu sɛ ɔyɛ ɔbaa mu special - You can see that she is a special woman
Ɔde ntoboase, ntease na ɔne me tena - She uses patience, understanding to live with me
Ɔbaa wei deɛ ɔnma me pressure - As for this woman, she gives me pressure
Wompɛ wei Jack na wopɛ deɛn? - If you don't want this, then what do you want?
Sɛ ɔtwa mu a, na amanfoɔ ferɛ no sweety sweety - When she's passing by, people will be calling her 'sweety, sweety'
Na wɔama ɔmo wiper - And she gives them a wiper (she doesn't mind them)
Firi sɛ ɛyɛ ɔbaa V.I.P - Because she is a VIP woman
Kyerɛ sɛ very important personality - Which means very important personality
Ne biribi ara ɛyɛ quality - Everything about her is quality
Ampa, ɔbaa yi, ɔkuta beauty - True, this woman, she is holding (has) beauty
Sɛ mo checke, sɛ mo feeli, sɛ mo diggy - You are checking it, feeling it, digging it
Ɔdɔ ahomateaa, ɔnni hɔ a na m'afɔn aka teaa - Love (fill in qualifier), when she's not there, then I starve and become skinny

If you have corrections and suggestions, please comment

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1001.66