Ahomka wo mu (remix) - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •  
  • Ahomka wo mu (remix)
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from VIP
    Ahomka wo mu
    VIP
    Twi
    http://www.youtube.com/watch?v=HJ0JulR5P6w
    Abdul Hamidu Ibrahim (Lazzy), Emmanuel Promzy Ababio (Promzy), Joseph Nana Ofori (Prodigal)
    2003

Hook
Somebody yeah somebody yeah
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what

Yɛse sɛ apɔnkyerɛnii firi nsuo ase
Ba bɛka sɛ ɔdɛnkyɛm awu a
Yɛndi no akyinie
Adepa na ɛtɔn ne ho
Wompɛ wei na wopɛ deɛn
Ɔreba o
Asɛm ato kusie

Lazzy Chorus
W'anim, w'akyi, ahomka wɔ mu
Wo honam wo biribi ara anigye wɔm
Wo nsa ho aduane koraa na ɛku me o
Ɔdɔ yɛwu me ne wo ara o

All
Wo ara na me ne wo bɛwu, bɛwu
Ɔdɔ yɛwu me ne wo bɛwu, bɛwu (3x)

Singing:
Nipa dasani
Ahoɔfɛ na adware wo sei a
Mentumi nna, mentumi nnante
Ɔdɔ yɛwu e
Sɛ m'anhu wo a, mentumi o
Mereyɛ ayare, mereyɛ abɔdam
Daabi ara ne adwendwen
Cee-koni e
Woreyɛ ɛku me o
Ɔdɔ e

Repeat Lazzy (Chorus)

Promzy:
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what, what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, yeah yeah yeah

Repeat Lazzy (Chorus)

Promzy Rap
Ɔbaa ne honam hyɛnn te sɛ ahwehwɛ
You wanna know
Mo ara monim sɛ mmaa yi bi na yɛpɛ
You wanna know
Sɛ wo ne no nam a, na biribi ara ayɛ fɛ
Biribi ara ayɛ gyɛ, na atanfo tetɛ
You no go know o
Motee yɛn nka akyɛ, y'aba yɛn nie
Ɛnyɛ ɛnumdwa ɔbaa mu baa nie
Asɛmpa abɛdwa, amanfoɔ mo mmɛtie
C-koni tuntum broni
Tuntum broni e aah ooh aah ooh
Ahokyerɛ mu o, anigye mu o
Ɔbɔ me ho te sɛ atadeɛ
Mete ne so a m'asɔre firi sɛ ɔbaa yi yɛ adeɛ
Ne suban ne me suban te sɛ Reed ne Adiza
Biribi ara kɔ so pɛpɛɛpɛ
Sweet Lady n'anum kasa dɛdɛɛdɛ
Fɛfɛɛfɛ ɔbaa yi yɛ adeɛ
Hwan na ɔmpɛ adepa m'anya anka
Mmaa nyinaa suban te sɛ ɔbaa yi sɛ
Mefrɛ no koraa ogye me so darling
Sɔre kɔ mpaso-
Girl: your wish is my command
You wanna know
Te wo kɛtɛ ka-
Girl: your wish is my command
You wanna know
Gogo wo ho ma me ɛ-
Girl: your wish is my command
You wanna know
Ɔhemaa bɛsɔ me mu ɛ-
Girl: your wish is my command
You no go know o
Yɛnkɔ ɛ

Repeat Lazzy (Chorus)

Singing:
Na woman be this, so so beauty de bath am o
She make I de sick, I no de fit walk
Oh my love, if you leave me I go die o
So so wahala
So so shakara
So so think I de think
Cee-kɔni e, ibi your love go kill me oo
Ɔdɔ e

Repeat Lazzy (Chorus)

Prodigal Rap:
Ɛyo, girl bɛn, girl bɛn ne hoɔ fɛ sei
You wanna know
Sɛ mese mereka ne ho asɛm a
Ɛnnɛ deɛ yɛnwie
You wanna know
Ɔbaa maame water ɔma me feeli better
Awɔ de me na ɔte me nkyɛn koraa a
Menhia sweater
You wanna know
Mo ara monim sɛ ɔbaa yi yɛ me number 1 lover
Sɛ ɔbie n'ano kasa a
Wotumi hu sɛ ɔyɛ ɔbaa mu special
Ɔde ntoboase, ntease na ɔne me tena
Ɔbaa wei deɛ ɔnma me pressure
Wompɛ wei Jack na wopɛ deɛn?
Sɛ ɔtwa mu a, na amanfoɔ ferɛ no sweety sweety
Na wɔama ɔmo wiper
Firi sɛ ɔyɛ ɔbaa V.I.P
Kyerɛ sɛ very important personality
You wanna know
Ne biribi ara ɛyɛ quality
You wanna know
Ampa, ɔbaa yi, ɔkuta beauty
Sɛ mo checke, sɛ mo feeli, sɛ mo diggy
Ɔdɔ ahomateaa, ɔnni hɔ a na m'afɔn aka teaa
You no go know o

Repeat Lazzy (Chorus)

Somebody yeah somebody yeah
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what, what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ sɛ, wo checky what
Ɛyɛ gyɛ gyɛ, yeah yeah yeah

Repeat Lazzy (Chorus till fade)
You wanna know
You no go know o

© VIP

:

Watch a video performance of VIP at the Ghana New York picnic 2006

 

Produced by Goodies

Poster un nouveau commentaire

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1645.55