Ahwedee Abena - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  
  • Ahwedee Abena
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Okomfour Kwaadee
    Metoaso
    Okomfour Kwaadee
    Twi
    5:55
    4
    Jerry Anaba
    2003

Chorus
Woda a, ayɛ kyɛ, me dɔfo e, na mɛte wo tɛ (2x)
Ei, ɔdɔ yɛwu e, diie e, te me tɛ
Oh, fa ma me o, ɛyɛ me dɛ o saa a, na mepɛ o, ɔdɔ e
Ahwedeɛ Abena e (2x)
Woda a, ayɛ kyɛ, me dɔfo e, na mɛte wo tɛ (2x)
Ei, ɔdɔ yɛwu e, diie e, te me tɛ
Oh, fa ma me o, ɛyɛ me dɛ o saa a, na mepɛ o, ɔdɔ e

Verse 1
Me ara me girly o, m'akoma mu girl o
Me ara me girly o, Ahwedeɛ Abena, mɛte wo tɛ
Brɛ wo ho ase (3x)
Ahwedeɛ Abena tia Fowaa, brɛ wo ho ase
Woagyina piintiin, piintiin, ɔse woasi ne tiri ase
Gyamera ɔfɛre me
Wopɛ deɛn, wobɛdi deɛn
Ɛwoɔ bi reba o, baabaa w'anum, na meresɔ agu mu
Ɛmpru ngu, ɛyɛ wo dɛ
Ɔkɔmfoɔ Kwaadɛɛ, menam a, na ɔrefrɛfrɛ
Wo, meyɛɛ wo lie, woanpene
Daabia mebɔ hwii ba fie a, wompene
Womaa nkraman wiewia me ho a, na yɛdwa agu me so
Fuum, na madwane
Brɛ a, mabrɛ, tirimu dɛ na woredie
Ewie akyire, mɛbɔɔse wo, ɛna menyaa woɔ
Metee me ka, metee wo tɛ
Mebɔɔ wo so mpaɛ, ɛnnɛ mase wopɛ
Biribiara adikan asi ani
Wode wo din, wonam a, na yɛrepaa wo, Kwaadɛɛ girly o
Manfa afo, wo, manfa wo fo
Wotɔn adeɛ aboaden a, ɛyɛ a, hwɛ no yie
Me ara me girly o, boy
M'akoma mu girly o, boy
Me ara me girly o, boy
Ahwedeɛ Abena, mɛte wo tɛ

Repeat Chorus

Verse 2
Me ara me girly o, boy
M'akoma mu girly o, boy
Me ara me girly o, boy
Ahwedeɛ Abena, atuu
Ɛyɛ a, puu wo to (2x)
Woyi atea a, puu wo to, na yɛnsu sɛ wowoso
Me ara na me dea, mɛhwɛ na mahwɛ wo yie
Ma wo yankofoɔ hyia wo a, yɛbɛkoto
Me ne no pie a, yɛto abasakɔnmu
Ɔbɔ me nkyɛn mu, ɛnyɛ adeɛ a, meregyae mu
N'ano fiaa sɛ apatuprɛ
Yɛbɔ anum nkwan ntentan, wobɛte ara, ɛne foo
Dedɛɛdedɛɛ, saa na ɛyɛ a, ɛyɛ me ɛ
Anum nkwan o, ɛno ara na ɔdeku me o
Ɔnyɛɛ jerry, ɔno ara, ɔnyɛɛ perming
Watwa mpesɛmpesɛ, ɔne m'adwene yɛ pɛ
Ahwedeɛ Abena atwe akonwa, woatena se
Ɔdi ne ti ato me nan so, ɔrehwe me nkɔmɔ
Ɔnim neɛ wɔreyɔ, deɛ wɔreyɛ no, mepɛ
Ɔrehwe me nkɔmɔ, sɛɛ ɛyɛ ɛmaa nkɔmɔ
Ahwedeɛ Abena, makɔ adwuma abrɛ
Meserɛ wo, si me ho abotrɛ
Wo deɛ daabia, wopɛ sɛ mete wo tɛ
Sodeɛ ɛ, sodeɛ ɛ, ɛyɛ a, sodeɛ ɛ
Me ara me girly o, boy
M'akoma mu girly o, boy
Me ara me girly o, boy
Ahwedeɛ Abena, atuu

Repeat Chorus

Verse 3
Ɔbaa wei, watwa me sɛ sawblade
Ɔholde me a, ɔtwe me sɛ bomglade
Nanso obiaa nim girl yi, ɔnyɛ nipa atoa
Amanfoɔ ani wɔ mu, ɛnyɛ asɛm metoa
Yaka, sɛ menni dɔɔma, menni kaprɛ, akɔhyibrɛ na mebɔ
Nanso ɛnfa ne ho, yɛkekaka
Sɛ me mpena te Santaase, yɛfrɛ no Yaa Bruwa
Nanso ɛnfa ne ho, yaka
Sɛ meyɛ, ɛmaa yi wo, ɛmaa paa mu
Made aduwa anaa, nso, ɛnfa ne ho, yaka
Sɛ ɛmaa di me tuo mmɛ, annwummire biara, mefa lɔya
Nanso ɛnfa ne ho, yɛkekaka, yaka
Nanso ɛnfa ne ho, ɛyɛ a, na ɛnfa ne ho, Abena

Repeat Chorus till fade

© Okomfo Kwaadee

 

Produced by

Dodoo's picture

Me ara me girliieeo boy! lol, kwaadee, woye gam na wo nyom wei ye me de papaaapa.
I never found out what Ahwedee Abena means, webmaster, do you know?

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1108.41