View all from Okomfour Kwaadee
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryKomfo se kooOkomfour KwaadeeTwi7:015Jerry Anaba2004
Chorus
Wonpɛ m'asɛm, wose menyɛ
Dabiara, menyɛ
Saa na ɛteɛ, obiaa ba nyɛ
Menyɛ mo dɛn, menka mo sɛn
Me nkoaa menyɛ, menyɛ o, menyɛ
Deɛ wobɛyɛ me biara no a, ɛnyɛ yie
Deɛ mede wo reyɔ
Efie ha abranteɛ e, menyɛ o
Dabiara menyɛ
Saa na ɛteɛ, obiaa ba nyɛ
Menyɛ mo dɛn, menka mo sɛn
Me nkoaa menyɛ, menyɛ o, menyɛ
Deɛ wobɛyɛ me biara no a, ɛnyɛ yie
Deɛ mede wo reyɔ
Verse 1
Maame Afua Pɔmpɔ, ɔfiri Kɔkɔdɛ
Wɔadi akɔneaba saa, ɔnya yafunu nwo ba
Yɛse dunsini tua ne kunu aserewa
Kwa bisa pɛ doro a, ɔnwo
Saa na ne kunu yɛ agya nanta
Wɔakɔ abusa, wɔanya aduro
Afua ahu amane
Bosome baako, mmienu, mmiensa
Afua afunu pee, ɛdam, wɔnyem
Ananta e, mo ne yɔ
Afua ne mma no wadendɛn, asɛ ɔne wiase
Bosome nkron, Afua Pɔmpɔ awo
Ɔwoo deɛn, barima, obiara repɛ ahwɛ
Yɛde, Afua awo o, Afua awo
Yɛnkɔ nkɔhwɛ a, Afua Pɔmpɔ ba yi, wɔafɔn
Agya ananta, wɔse, ɛyɛ den
Wɔahwɛ ne ba ama no anyini aduru nfie du
Wɔnndidi, wɔnnyi aduane ayɛ
Wɔyɛ aboa a, anka ɔyɛ antrɔhweɛ
Ne yɛɛ ama no nnuro
Afua anko mmɔtɔ, koode, neka afa ne bɔt
Wɔnom a, ɔbefe
Wɔfe a, ɔbɛnyem
Wɔnyem a, ɔbɛfɔn, asɛm
Saa akwadaa no deɛ ɔnyare
Ɔno nkoaa kɔ nsuo, wɔ fufuo
Ɔne n'afoɔ redi agorɔ a
Ɔhwe wɔn mo, ma wɔn ho baa wɔn
Hwɛ, nanno, wɔmma awomasoɔ
Nyame ampata, nka ɔhwaa ne maame nsa
Saa da no, fufuo toa num
Obiara anni bi, ɔno nkoa ran a ɔdiiɛ
Ɔnya didi men deɛ a, ntɔkwa hunu
Ɔpanyin o, akwadaa o, woyɛ a, ɔbɛhwe wo
Na wo deɛ bisa no sɛ, deɛn asɛm
Repeat Chorus
Verse 2
Hwɛ, me papa frɛ ne Kwaku
N'afoɔ frɛ no nkranpan
Wɔakɔ sukuu, wɔakɔnya brofɔ din
Kwaku Sampson
Sukuu atadeɛ a, ɛhyɛ no ɔ
Yɛabɔ no abɔmbɛlɛt, nanso ɔda hoo henhan no
Ɛfiri saen 1, kɔka saen 6
Akoa yi, na wɔabɔn
Wɔakɔ sukuu nfie nsia, wɔafeeli nprɛn nsia
Sukuu fees, ontua
Ɛnkwadaa aduane a, wɔagye adi
Woyɛ tikyani, wɔbɛka no a, ɔbɛhwe wo
Hwɛ, tikyafoɔ yi, sɛ mamfe yi, yɛyɛ ade
Yɛse, yɛnkyerɛ adeɛ bio
Sukuu baako a, ɛwɔ kuro yi mu, akoa yi agu no
Wɔanom nkwadaa no nyinaa, asusoro
Annuru nannum, annuru nansa, Kwasiada
Kwaku Sampson, wɔasakra
Wɔn mo nfa no nkɔ asɔre
Asɔre bɛn na ɔbɛkɔ a, Baserɛ
Ɔse Baserɛ, ɔkɔɔ
Baserɛ Yɛabɔ mpaɛ, yɛreto nnwom
Yɛregye collection
Kwaapan asakra deɛ a, collection, obiara bɛto
Yɛreyi Nyame ayɛ
Na obi apɛgya nnwom
Ah, osan no o, osan no o, mommɔ no ose
Osan no a, mommɔ no ose
Nkrapan asakra, mommɔ no ose
Osan no a, mommɔ no ose
Repeat Chorus
Verse 3
Ei, Agya Ananta, ɔyii nsrɛ num
Ɔde ama ne ba nkranpan, ɔnfa nkɔtum
Wɔasɔre kɔ n'anim
Obiara rehim, ɔyɛ nkunimdi mu nfrankaa
Ɔmorehim o, ama mman nyinaa ahunu sɛ
Collection sika yi, akoa yi dekɔ
Ɔtinkɛntɛn no a, ɔkɔɔ
Agya Ananta, yɛrebɔ no sɔmboɔ
Nkranpan yi korɔ yi ara bio
Yɛse, sukuu baako a, ɛwɔ kuro yi mu, wɔagu no
Broni adehyeɛ nso a, wɔaboro yɛn
Afei wɔakɔ asɔre a, yɛato yɛn collection
Ɛno nso nso a, wɔagye adi
Wɔresi pataapa kɔ nkɔn
Akɔkoa yɛ a, kranpan
Wowoo no, yɛhuu no
Yɛmaa no nnawɔtwe mmienu
Yɛde yɛn collection sika, nyɛ saa a, adeɛ ayɛ wo
Akoa na ɔbɔ
Baserɛ asɔredɔn no se, ɔhuu Kranpan
Na n'ani kyerɛ
Kɔkɔte Kɔkɔte, wɔn mo ne
Kɔkɔde na ɛbɔhyeɛ
Na yɛretwe manso
Agya Ananta, ne nsa biri nti
Wowo a, amane, woanwo a, amane
Kwaku Sampson akɔpie Kɔkɔte
Ɔde collection sika yi, wɔanya girl
Girl no a, ɔnya no no, Kɔkɔtehene ba baa
Nana apene so
Kɔkɔdefoɔ se, yɛregye yɛ dehyeɛ
Kɔkɔtefoɔ nso se, wɔn mo nfa no mma
Ayɛ nsɛm pii
Kɔkɔde ne Kɔkɔte
Wopɛ asɛm a, asiiɛ a, hyia me, afe a sɛɛ
Afe a sɛɛ, hyia me
Repeat Chorus till fade
© Okomfour Kwaadee
Produced by













Okomfuo Kwaadee excels at storytelling, this one is really great. is there a continuation to this song?
Post new comment