View all from Gospel Explosion Yi n'ayeGospel ExplosionTwiEdwin Dadson, Akua Gyasiwaa2006
Chorus 1 4x
Mennsuro, mennsuro
Yesu wɔ m'afa
Ɛno nti
Mennsuro ara da
Chorus 2
Sɛ ɔko yɛden dɛnara
Medi nkunim
Mennsuro o
Yesu wɔ m'afa
Ɛno nti mennsuro ara da
Chorus 3
Nea ɔte me mu no so
Ɔso na oɔkyen biribiara
Mennsuro o
Yesu wɔ m'afa
Ɛno nti mennsuro ara da
Solo 1 2x
M'akɔ nsɔhwɛ mu
Awerɛho ne amaniɛ mu
Ɔhaw ne atetee
Kɔdanda ne abɛbrɛsɛ mu
Ne nyina mu no
Yesu ka me ho o
Ɔbɔ meho ban
Ɛno nti mennsuro koraa
Chorus 1
Chorus 2
Solo 2
Enti sɛ abrabɔ
Ne w'edwuma nnkɔ yiye a
Wo nnanfofo, w'ebusua sɔre tia wo
Gyina pintin wɔ ne mu
Obetwitwa agye wo
Ne din ne Immanuel
Ɔka wo ho nnɛ
Ɔka wo ho daa
Ewurade ne w'abandenden
Odi w'enim sɛ Ɔgyamframa
Ne din ne Immanuel
Ɔka wo ho nnɛ
Ɔka wo ho daa
Vamp 2x
Odi m'enim, odi m'ekyir (Mennsuro)
Ɔka me ho daa daa (Mennsuro)
Aber nyinara (Mennsuro)
Ɔhwɛ me so (Mennsuro)
Ɔbɔ me ho ban daa daa
Mennsuro o
Yesu wɔ m'afa
Ɛno nti mennsuro ara da
Yesu wɔ m'afa
Ɛno nti mennsuro ara da ...
© Gospel Explosion of IHCF
Produced by Henry Datsormor













Post new comment