Nkwanta basaa
http://www2.kumc.edu/oced/images/image002.gif
View all from Kojo Antwi
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryKojo AntwiAkuaba2000Kojo AntwiTwi86:34
Hook
Merebɛpɛ biribi akɔdi, biribi akɔdi, biribi akɔdi a
Ɛne meebɛyɛɛ dɛn na ɛnam? (2x)
Merebɛpɛ biribi akɔdi, biribi akɔdi, biribi akɔdi a
Ɛne meebɛyɛɛ dɛn na ɛnam a? (2x)
Verse 1
Ɛyɛ asɛm nkwa, akwantu mu nsɛm ɛyɛ asɛm nkwa
Wobɛduru nkwanta bɔne, mɛkɔ m'anim a, ɛnkɔ o
Mekɔ m'akyi nso na manfa biribi ankɔ a, yɛbɛfrɛ me ɔkwaseampanin
Ɛno nti na mede awerɛhoɔ na ɛnam akwantu yi mu a
Ɛyɛ asɛm, ɔkwan a yɛretu yi, yɛntumi nkyerɛ ɛda a, yɛbɛsan aba fie
Akokɔ nkoa nkɔ nsuo mmra a, ɔde n'ano na ɛkɔɔyɛ o
Akyirikyiri, akyirikyiri, akyirikyiri (2x)
Meduru akyirikyiri, akyirikyiri, akyirikyiri
Akyirikyiri, akyirikyiri, akyirikyiri
Ohia asɛm nti, makyekyere me kɛtɛ de nenam amannaman so a
Ɛfiri sɛ wopɛsɛ wokye kosua a, agye sɛ wobɔ kosua a
Na mewɔ awirehyirɛnmu sɛ, beebia mɛduru yi deɛ anka mayɛyie ewie
Nanso ti bɔne a, yɛnfa ntu bata yi
Ama m'abrabɔ yi, ɛdi kyimhyia
Metare a, na awae, mepam a, na ate, mekyekyere a, na asane a
Akokɔ nkoa nkɔ nsuo mmra a, ɔde n'ano na ɛkɔɔyɛ o
Repeat Hook
Verse 2
Africa, what's the way forward
Africa
Africa, what's the way forward
Akyirikyiri, akyirikyiri, akyirikyiri (2x)
Meduru akyirikyiri, akyirikyiri, akyirikyiri
Akyirikyiri, akyirikyiri, akyirikyiri
Yee, Mama Africa
Ɛnyɛ m'ania o, na ɔbi na ɛde biribi ayɛ me o
Obroni bonsapɔ bi apue nsa dɔkɔdɔkɔ bi akyerɛ me a
Ɔdeafa me nɔnnum, ama megye me ho a, ɛngye e
Ɛno nti na ato me atasetase yi
Mepɛ tumtum yi bi o, due due due ne amanehunu e
Africa, watch the way forward
The way forward, Africa
Y'ayera, y'ayera, y'ayera, afi yi deɛ y‘ayera o
Abibiman, ɛnnɛ deɛ y'ayera o
Ɔkwan biara, yɛkɔ nkwanta basabasa a
Yee, ɛnnɛ e, yee yee yee, y'ayera o
Oh, y'ayera o, (y'ayera o)
Abibiman, ɛnnɛ deɛ y'ayera o
Ɔkwan biara, yɛkɔ nkwanta basabasa a
Oh oh oh, y'ayera o
Yee, ɛnnɛ e, Africa y'ayera o
Osum a, yɛnam, nanso nkwanta ayera yɛn a
Ɔkwan biara, yɛkɔ nkwanta basabasa a
Yee, Maame e, yee yee yee, y'ayera o
Oh, nkwanta basaa, Africa e, yɛduru nkwantan basabasabasa
Oh, nkwanta basaa, na awae, (na awae) na ate (na ate), na asane a (na asane a)
Oh, nkwanta basaa, Africa e, yɛduru nkwanta basabasabasa
Oh, nkwanta basaa, na awae, na ate, na asane a
Africa e, oh, nkwanta basaa
Oh oh oh, nkwanta basaa, na awae, na ate, na asane a (till fade)
© Kojo Antwi
Produced by Freedom Family





















kojo antwi, you are the man! great music
ask them again, what's the way forward for Africa?
eh!! so a ghanaian has this talent, wow, this man is too great, what a wonderful track, the lyrics are so touching, all africa must hear this WOW!!
and what are the songs i hear the DJs play on our radios, well compared to this track, those are just NOISE, this is what i call music, from lyrics to rythm, from melody to arrangement, FANTASTIC work. i love kojo antwi.
I absolutely agree, this is one of my favorite Kojo Antwi tracks ever but it is hardly ever played on radio.
The lyrics are great and the message is great too.
"Mepɛ tumtum yi bi o, due due due ne amanehunu e"
Post new comment