Onni bi adanfo


Verse 1
Mete sɛ ɔsikani bi ɛka sɛ adesua ni esu adware no
Deɛ ɔhaw ne ohia ɛtaataa no no ɔmfa ne ho mma Jesus
Makyinkyin akyinkyin manante mabrɛ
Me kuruwa ayɛ ma, me kɔn abu
Mede m'adesoa aba wo asɛndua no ase
Adom wura e, mesrɛ wo swoɛ me

Chorus

Pepa m'anisuo ma me (3x)
Agya e, wo ne ɔnni bi adanfo

Verse 2
Ma me deɛ womaa David no bi
Na Goliath mpem mpem atwa me ho ahyia
Nkunimdi o, agya, ma me nkunimdi ma no ɛnyɛ me dea o
Mma amansan nhu sɛ wasra me ngo
Ma me deɛ womaa Solomon no bi
Nyansa ne adwen a ɛboroso
Na sɛ wokasa kyerɛ me a, manya aso pa de ate wo nne
Adom wura e, maba o
Paapa e, maba o, hyira me
Agya e, maba swoɛ me
Paapa e, maba o, hyira me, hyira me
Wo ne ɔnni be adanfo

Chorus
Pepa m'anisuo ma me (3x)
Agya e, wo ne ɔnni bi adanfo

Verse 3
Oguanhwɛfopa, wode no akyiri a
Ɔbɛ to wo pono wɔ w'atanfo anim
Ɔyɛ krotwiamansa a, wode no akyiri a
Wotasi ɛnam kumm kwa
Bonsam kyere wo to gyata bɔn mu mpo a
Fa nkotodwe ne mpaebɔ kɔ n'anim
Su frɛ no wɔ gyedi mu na ɔbɛgye wo so
Biribiara biribiara nso no yɛ
Fɛntɛmfrɛm adom Nyame (3x)
Jesus, ɔno na ɔbutu ne mma so
Oh, adom wura e
Fɛntɛmfrɛm adom Nyame
Wo na wokoto wo mma so
Biribiara biribiara nso no yɛ
Wo ne ɔnni bi adanfo
Fɛntɛmfrɛm adom Nyame (2x)
Wo na wokoto wo mma so (2x)
Biribiara biribiara nso no yɛ (2x)
Wo ne ɔnni bi adanfo (2x)
Oh, adom wura e
Fɛntɛmfrɛm adom Nyame Jesus
Wo na wokoto wo mma so

© Kojo Antwi

 

Produced by Freedom Family

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1221.23