Obia nye obia - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  
  • Obia nye obia
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Sidney (Barima)
    Obia nye obia
    Sidney (Barima)
    Twi
    6:24
    6
    http://www.youtube.com/watch?v=Y4J70bIhgCM
    Sidney Ofori
    2005

Intro

Sidney, back again
Aane, madi kan akakyerɛ mo deda
Na meguso renoa, afei, anya aben
Sidney, ah, Morris babyface
Alongside Squadjie

Chorus
Obia nyɛ obia e, obia nyɛ obia
Hey, obia nyɛ obia (2x)
Wonyɛ obia e, me nso menyɛ obia
Hey, obia nyɛ obia (2x)
Wowɔ benz a, metwi m'apɔtrɔkaa
Volvo a, me nso metwi lɔɔre
Hey, obia nyɛ obia (2x)
Wowɔ aban mu a, mewɔ position
Phobia a, mewɔ Fabulous
Hey, obia nyɛ obia (2x)

Verse 1
Wonyɛ obia, menyɛ obia
Yɛn nyinaa, obia nyɛ obia
Sɛ woyɛ obi, me nso meyɛ obi
Ɛnti yɛn nyinaa, obia nyɛ obia
Atadeɛ na ɛhyɛ wo no, sɛ ɛyɛ wo fɛ
Ɛno nti na wote wo sika kɔtɔɔyɛ
Me deɛ yi nso yɛ me fɛ

Ɛnti yɛn nyinaa, obia nyɛ obia
Wabɔ wo tie, wote air-condition mu
Megyina wia yi mu, meretɔn ma deɛ
Yɛn nyinaa, sika korɔ yi a
A, obia nyɛ obia
What, obia nyɛ obia
Obia nni hɔ, ɔyɛ nipa sen obi
Nyankopɔn bɔɔ yɛn nyinaa pɛ
Fɛ n'ɛfɛ sɛ, mehu wo a, mekyia wo
Wongyee so a, wonyɛ obia
Me nso so, menyɛ obia
Yɛn nyinaa, yɛhyɛ mmra ase
Obia nni hɔ a, sɛbe, mmra hyɛ n'ase
President o, lawyer o, yɛn nyinaa yɛhyɛ mmra ase
Wowɔ aburokyire a, mewɔ Ghana
Wotwi car a, menam daadze
Already made, mehyɛ foes
Wobɔ premier, mebɔ colts
Wodi dollars, medi cedis
Ɛwɔ mu sɛ wo deɛ no so deɛ
Nso nnɛ, ma yɛn nyinaa gye tu mu sɛ, ɛnnɛ ɛnyɛ sika bio
Yɛn nyinaa, obia nyɛ obia
What, obia nyɛ obia
Ɔdasani, hwɛ, ɛnkyenekyene wo ho
Wonnim beebia, wobɛwu woada
Wobɔ Roman, mebɔ basle
Nyinaa Nyame korɔ yi a
What, obia nyɛ obia

Repeat Chorus

Hook
Ko wa baa, fo wa baa ni (8x)
Oh Sidney, ko wa na so (2x)
Ko wa baa, fo wa baa ni (2x)
Oh Sidney, ko wa na so (2x)
Hey, ko wa baa, fo wa baa ni
Ko wa baa, fo wa baa ni

Verse 2
Aponkye se ɔbɛma wo jaundice aduro a
Mɛntwɛn, hwɛ no dwensɔ
Aponkye, mɛɛ, jaundice
Woretwɛn dɛn, hwɛ no dwensɔ
Nnamfofoɔ mmiɛnsa bi tenaa ase
Ɔbaako yɛ doctor, engineer, ɛna afei nso so politician
Hwan na dakoro, awia ketee bi
Ɔmohyiaa mu twetwee nkɔmɔ
Nkɔmɔ twetweɛ yi mu ara
Asɛm kɛseɛ bi paa too dwa
Doctor, engineer, ɛna afei politician
Hwan na n'adwuma di kan wɔ asaase yi so
Doctor no dii kan maa ne nsa so
Sɛ ɛyɛ ɔno ara, mowirɛfi anaa
Abrɛ a, Nyankopɔn bɔɔ Adam no
Ɔyii ne nfepadeɛ, na ɔdebɔɔ Eve
Right there, surgical operation
Right there, the doctor was there
Engineer maa ne nsa so sɛ, daabi da
N'adwuma ho hia sen obia
Ansaana Nyankopɔn bɔɔ nipa no na the whole world was in a mess
Asaase so nyinaa asa sɛ pɛtu na ɛsum ahyɛ asaase so ma
Na ɔkaa sɛ nsuo nkɔ ha, na afei nwura nso nkɔduru ha
Na pebɔ hɔ na naa yɛwɔ
Right there, engineering work
Right there, engineer was there
Politician no hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresere
Ɔsere a, de ne ho nyinaa boroo fɔm
Bra Sammy Kotoo, politican
Asɛm a, ɔdetoo dwa no nie
Montie (2x)
Engineer no rekasa no, ɔkaa asɛm bi
Ɔse, the whole world was in a mess
Merebisa o, asɛm bisa
Merebisa, who created the mess
Poltician, doctor, engineer, who created the mess
Amanfoɔ, meto ma mo
Ɔmo nyinaa, obia nyɛ obia

Repeat Chorus

Repeat Hook

Repeat Chorus till fade

© Sidney

:

Watch the Obia nye obia video by Sidney (Barima)

 

Produced by Alordia

nana's picture

Sidney, you cud hav done a better video. I lyk this song a lot, obia nye obia, sidney tell them, we are all the same. lol, am going crazy just listening to the song

Anonymous's picture

Nice

Very Nice

Anonymous's picture



This song has a catchy ring to it!

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search
  • Enclose a word in <m> tags to link to a Museke search
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options