New content on Museke!
Search
Osaberima
http://farm1.static.flickr.com/206/444367186_62b1bf6c0c_m.jpg
View all from Cee
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryCee, Great AmpongOsaberima2007Cynthia Appiah-KubiTwi15:50
Hilele, hilele, hilele, hilele ei, mama, yie yie ei
Verse (Cee)
Na Ɔbarima Yesu na wɔahyɛ me bɔ bi sɛ
Menam ɔsum o, menam ogya mu o, ɔrengyae me
Ei, na wɔaka ne ho ntam sɛ da nyinaa ɔbɛboa me
Enti menam ɔsum a, mensuro, me deɛ, menbɔ hu koraa
Chorus 2x (Cee)
Ɔsabarima se, ɛmma mensuro, ɔka me ho wo beebia
Ɔsabarima se, ɛmma mensuro, ɔne ne m’ahoɔden
Ɔsabarima, ɔdomfo, ɔrengyae me
Ɔsabarima, ɔdomfo, ɔrengyae me o daa
(Akaak)
Verse (Cee)
Ɔte me mu, me nso mete ne mu
Mewɔ Nyame, ɛnti mewɔ ade, ɔne ne m’abandenden
Ɔnwanwanni, ɔnni bi agya
Ɔte me mu, mete ne mu wae, ɛno nti mensuro
Mewɔ Nyame, ɛnti no mewɔ ade, ɔne ne m’ahoɔden
Ɔnwanwanni, ɔnni bi agya
Ɛnti ɔdi m’akyi sɛ ɔbɔmbɔfoɔ
Metwere no sɛ ɔbotantim
Ne tumi nti madi nkunim
Yie, metum ayɛ o, ɔne ne me han
Ɔmma mensuro, sɛ me ti yɛ me dɛ a, na afiri ɔno
Verse (Great Ampong)
Awurade ne me hwɛfo, ɛnti hwee nhia me o
Ei, ɔbɔ me ho ban firi m’atanfo nsa mu
Ɔgye me kra firi fie sumfoɔ efidie nyinaa mu
Na baa ne ne poma na ɛkyekye me were o
Sɛ ɔtanfo de ɔhaw bi ba me so ara pɛ
Awurade Nyankopɔn se ɔbɛbɔ me ho ban
Ɔdi m’anim, ɔdi m’akyi, ɔka me ho, ɔhwɛ me so nti, mensuro obiara ei
Agya, w’asɛm wɔaka akyerɛ me nti no, wɔama me tiri mu ayɛ me dɛdɛɛdɛ
Menam agya mu o, menam nsuo mu o, wɔmma asubɔnten nfa me do
Adom awanwan soɔ bɛn na agye me sei yi o, menbɔ hu koraa
Repeat Chorus (Cee)
Hilele, hilele, hilele, hilele ei, mama, yie yie ei
Verse (Great Ampong)
Halleluyah, come on
Na mese ɔbonsam nim sɛ Yesu yɛ Ɔnyankopɔn ba
Ɔte ne din a, na ne ho repopo kyekyekye
Yie, Satan nim sɛ Yesu Kristo yɛ Ɔnyankopɔn ba
Ɔte ne din a, na ne ho repopo saa saa saa saa
Aane, nanso wɔn a wɔtwe Awurade no
Wɔtu mmirika te sɛ anoma ɔkɔdeɛ na wɔmmerɛ da
Na wɔn a wɔtwe Awurade no, wɔtu mmirika te sɛ anoma ɔkɔdeɛ, na wɔnpa abo o
Na wɔsee ne bɔfoɔ sɛ wɔnhwɛ me so, na m’ani mpem boɔ
Asaase ani dane butu, na nipa bɔtutu gugu mu a, menbɔ hu ara da
Ɔdi m’anim, ɔdi m’akyi, ɔhwɛ me so, ɔbɔ me ho ban
Beebia a, mɛkɔ, ɔka me ho
Sɛ me Nyankopɔn yɛ banbɔfoɔ, nti mensuro daa
Verse (Cee)
Ɔka me ho deɛ, menbɔ hu koraa
Ɔka me ho deɛ, menpa aba a
Ɔka me ho deɛ, menbɔ hu koraa
Ɔka me ho deɛ, menpa aba a
Ɔde me bɛtoto benkum, ɔde me bɛtoto nifa
Me deɛ, menka me
M’aniwa nko ara na medebɛhwɛ, bɔnefoɔ akatua
N’ani kɔ me ho a, saa na Onyame teɛ wo beebia
Repeat Chorus till fade
© Cee
Beat made by Akaak
Produced by Bandex Music Productions
Cee was an Ashanti Regional rep on the TV3 Mentor show











thank you so much for posting this song and the lyrics
can you also add the song that erico did with cee? i think the title is den ne wosu
Post new comment