New content on Museke!
Search
Meda W'ase
http://farm1.static.flickr.com/206/444367186_62b1bf6c0c_m.jpg
View all from Moses OK
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryMoses OKMeda w'ase2007Moses OKTwi5:19
Chorus
Wahwɛ me so ama ade pa akye me ne m’abusua yi
Meda w’ase, meda w’ase daa
Wahwɛ m’anifiri ne me nfi ba mu ama bɔne bi anto me a
Meda w’ase, meda w’ase daa
Verse
Me kra ɛdwane sɛ anoma ɛfiri fidisofoɔ nfidie mu
Onyame agye me, wɔagye me ama made me ho
W’ahoma akyerekyere me, ahohia berɛ mu, ɔtwitwa gyee me
Nyame amma manwu, wɔanma m’anim angu ase
Me kra ɛdwane sɛ anoma ɛfiri ɔfidisofo no fidie mu
Onyame agye me o
Wɔagye me (4x)
Nyame amma manwu, wɔanma m’anim angu ase
Repeat Chorus 2x
Oh oh oh (2x), oh oh oh oh oh oh
Verse 2
Mefrɛɛ wo na wogyee me so, wanyi w’anim ahinta me
Onyame woyɛ, na w’adɔɛ wɔ hɔ daa
Me dwanekɔbia ne wo Awurade, wo ahina se na mehyɛ
Me han ne me nkwagyeɛ, ɛne wo Awurade
Mefrɛɛ wo na wogyee me so, wanyi w’anim ahinta me
Onyame woyɛ, na w’adɔɛ wɔ hɔ daa
M’adwanekɔbia ne wo Awurade, wo ahina se na mehyɛ
Me han ne me nkwagyeɛ, ɛne wo Awurade
Asafo Yehowah, wɔadi m’asɛm ama me, ama m’akoma atɔ me ya mu
Asafo Yehowah, ɔyɛ me komafo, wɔako ama me ama m’akoma atɔ me ya mu
Repeat Chorus till fade
Mɛda w’ase daa
Me Nyankopɔn
Wahwɛ m’abusua nso
Me Nyame, oh yeah
Onyame abatanpa
Yɛyi w’ayɛ, yɛda w’ase
Wo na wahwɛ me so
…..
© Moses OK











OH MY GOD I AM IN LOVE WITH THIS SONG.INFACT I AM IN LOVE WITH ALL HIS SONGS. MOSES YOU ARE TOO GOOD. MAY THE GOOD LORD BLESS YOU. EXTREMELY AN INSPIRING SONG.
Post new comment