View all from Okyeame Kwame
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryM'awensemOkyeame Kwame, Morris BabyfaceTwi5:331Quame Nsiah Appau2008
Intro
Mɛnyane wɔ n’akoma mu, na masom wɔ n’aheman mu
Sɛ mewu wɔ n’akoko mu a, monsie me wɔ ne damirifa mu
Ɛfiri sɛ ne dɔ no mu yɛ du
Deɛ obi bɛka ɛmmɔ ne hu
Ne dɔ no afira m’ani
Ɔkyeame Kwame, sima baako
Morris Babyface, sima mmienu
Mepɛ ɔdɔ nkyɛn, sima mmiensa
Ne dɔ na ɛma me nkwa
Verse 1
Sɛ mesɔre anɔpa na sɛ woda m’akyi a
W’anim na mehu no kanea
Ɔdɔ ei, sɛ woma me akyea
Sweety ei na mawu o, sɛ meda so mete ase o
Wo dɔ na ɛma me nkwa
Sɛ mekɔ adwuma a, sɛ deɛ wo ne me di nkra
Fe m’ano sɛ menhwe no yie
Oh oh oh oh oh
Sɛ meduru na secretary hyɛ mini mpo a
Menhu oh oh oh
Wo dɔ no afra m’ani
Chorus 3x
Ɛno nti na mepɛ ɔdɔ nkyɛn, sima baako
Mepɛ ɔdɔ nkyɛn, sima mmienu
Mepɛ ɔdɔ nkyɛn, sima mmiensa
Ne dɔ na ɛma me nkwa
Rap Verse
Ɛnora, adeɛ me secretary yɛɛyɛ
Wɔahyɛ mini na ɔrebisa sɛ ne nan ho ɛɛfɛ
Ankyɛ na five bɔɔyɛ
Na meyii m’ani a ɔde ne aniwuo kɔɔ yɛ
Mesɔree firi desk yi akyi, tenetene me khaki
Hwehwɛɛ me car key
Merekɔ fie akɔyɛ ɔbaa pa bi husbee
Wonim rap doctor, mempɛ mmaa pii
Vroom, vroom, mate asi kurom, kurom
M’adwen ayɛ me home home ɛnti mayɛ komm komm
Meyii me phone na medaelee wifey
Poo poo deɛ mɛte ara ne Kwamee
Aane aane saa ara na sweety frɛ me
Mahu sɛ ɛnnɛ deɛ network no ayɛ free
Mereba fie nti nua aduane
Na ɔse ɛnora deɛ medaa hene
Na mese oh gyae na ɛkom de me
Ɛba no saa ara na me ho retɛ me
I luv u, I luv u too
Yɛde akɔgu de phone yi ato so
Me yam a anka me ti da ɔdɔ srɛ so
Nso traffic yɛ ayɛ slow
Awi rekɔ tɔ a
Ɔmɔ a ɔmɔ wɔ nyanya rebɔ oh
Ɔmɔ a ɔmɔ nni bie nom olewonyo
Girl bi a ɔrekɔ de m’ani worɔ me hoɔ
Nso menhwɛ na mekɔ pɛ o, mebu me ho oh
Oh hwɛ sɛ obi ato biribi afiri trɔtrɔ no mu
Aden wɔanhu ‘no littering’
Taxi agyina refa nipa wɔ no parking
Trotro a ɛsi nipa wɔ no stopping
Nti merebɛdwene wei ho ama aha m’adwene
Mekyenkyim radio no ara
Kɔpem sɛ mete sɛ ɛrebɔ Agya Koo Nimo dwom
Damena buee ei ayɛ boboo oh
Maduru fie, ɛpono rebue
Obi rebue, ɔdɔ anim nie na megye ahome hmm
Verse 2 ![]()
Sɛ mefiri adwuma ba fie, na mabrɛ sɛn koraa
Se deɛ wogye me nnoɔma fe m’ano, bias me kwan so
Sweety eh, mabubu mpo a, menya ahoɔden foforo oh oh
Wo dɔ na ɛma me vim
Sɛ mekɔ da anadwo a, na meso daɛ bɔne a
Mebɔ pitiri sɔre na sɛ woda m’akyi a
Sweety eh na mahu oh sɛ biribi ara ntumi me oh
Wo dɔ nti, mensuro hwee
Repeat Chorus 2x
Repeat Intro 2x
© Okyeame Kwame
Produced by Morris babyface












this is such a beautiful song you wrote Okyeame Kwame. I am sure it is dedicated to your girlfriend who you are in this picture with. It is great to be with someone you love. I wish the two of you the best.
Post new comment