Okafo didi - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  
  • Okafo didi
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Lord Kenya
    Sika baa
    Lord Kenya
    Twi
    4:28
    12
    Abraham Kojo Kenya Akpor
    2000

Verse 1
Original
Anokwa, akwadaa ketekete
W'ano wesewese, woahyɛ aseɛ redi ntrɔ
Wo mmɔbrɔ, sɛ sɛɛsɛɛ wusie
Wo se afifiri te sɛ kusie
Woadwane akɔ sie
Wobɛyɛ me saa gye sɛ bankye woapie
Hwɛ tie, w'afu dokoo te sɛ bese
Yɛkaa yɛ a, yɛmmoa
Sɛ akwadaa nsɛ oni a, ɔsɛ ɔse
Mehuu wo ara na mehuu sɛ, wosɛ wo se
Woyɛ azaa, wo maame ano paapaa
Ɔretɔ dɔkono a, gye sɛ sardine
Ɔrekɔ dwom koraa a, ɔfira Woodin
Ɛnso mode ka, montua
Woresu, wosu koraa a, wobɛtua
Yɛfrɛ me Mr. Ɔnfanfiri, aka Adanko deka
Gyamera montee me nka
Mefiri Abodwo, te Ahodwo
Nso me sika deɛ, ɛho dwo
Wobɛcrɔsse me a, w'afu bɛ dwo
Ɛnnɛ ne mo last warning
Wose back, wo se ɔnfa nfiri baa ha
Me nsa sɔɔ ni mu nka mɛposa no sɛ baha
Early tomorrow morning, kokrokoo, na mewɔ ha
Sɛ anyɛ ready na sɛ megyiga a
Ɛhɔ na mobɛte mo piiga piiga piiga

Chorus 3x
Ɔnfanfiri, obiara ho wɔ ka
Nanso Ɔkafoɔ didi

Verse 2
Original (2x)
Mr. Ɔnfanfiri
Si abotrɛ, na yɛ free
Na brothers agree
Ɛnnɛ modern Ghana, gyanan koraa nyɛ free
Nanso ɛyɛ ne son se koraa a, yɛfiri
Kɔbisa birii
Eka nti, obi abiri
Abonsan a, ɛto so du, ama no ayɛ no aniso biri
Mehuri ka sɛ, abrabɔ no ayɛ hard
Massa, ɛnyɛ jamboree
Sɛ me yɛ Zacchaeus a, nka mɛforo sycamore tree
Na amanfoɔ reyɛn me
Ɔkafoɔ, me ho kyere me, ɛka never die
Ɛyere sɛ dɛn koraa, ɛwɔ se metua, ɛyɛ abotrɛ lie
Ɛnti mma mmɛ dwodwo me, na mese mɛtua
Mete hɔ yi, mefiri, mefiri, mefiri pito
Metua me lampo
Oh Castro, menyɛ panin bɔne na m'ahyɛ khaki pioto
Meforce nanso wei deɛ me ara, menni fɔkoo
Aban mpo aka paa, m'akatua fiaa, Enkɔ nkɔtɔ o
Oh, ɛnti Ɔnfanfiri, ɛmmɛ yɛ me gidigidi
Na nsɛnkyerɛnii sisi
Ebiaa y'ata so no wɔ anidaso sɛ dabidabi, ɛbɛ fifi
Te ma se, na modern Ghana yi deɛ
Ɔkafoɔ, ɔkafoɔ, ɔdidi

Repeat Chorus 3x
Ga bɛtɔn ka, na ɔde ka
Ti mu mu hwan, ɔde ka
Woyɛ ohiana a, wode ka
Osikani o, wode ka
Enti susu gyɔss ɔdeka
Mr. Ɔnfanfiri, obiara de ka (2x)
Uh huh, obiara de ka
Obiara de ka (3x)

Repeat Chorus 3x

© Lord Kenya

 

Produced by Slip Music

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

2188.4