Asesa
http://69.41.227.74/GHP/img/pics/53119375.o.jpg
View all from Kontihene
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryKontiheneNyankonton2001Nana Appiah BoatengTwi15:50
Hook 1
Nana Appiah, me dwom nie
Nana Kontihene, me dwom nie
Asesa, asesa o, mensini mu o
Obi nsɔ me mu
Me mu rete (2x)
Chorus
Saa, yɛkaayɛ a, yɛammoa
Ampa, ɔhene ba ne deɛ, ne papa te aseɛ (Asesa, Asesa)
Sɛ wonte aseɛ nso a, mpaninfoɔ se, mongyae tentene no yɛ
Abusua bisa kwaɛ no, twe bɛn ho
Adua biara wɔ no subrɛ (Asesa, Asesa)
Due, due, due, nokwarɛ, wode wo ho to nipa so a, due due due (Asesa, Asesa)
Saa, yɛkaayɛ a, yɛammoa e(2x) (Asesa, Asesa)
Ɔbra no rekɔ slow te sɛ, mɛɛtime, it's for him (Asesa, Asesa)
Saa, yɛkaayɛ a, yɛammoa
Ɔhene ba ne deɛ, ne papa te aseɛ (Asesa, Asesa)
Due, due, due, nokwarɛ, wode wo ho to nipa so a, due due due
Verse 1
Meyɛ abɔfra, na me papa wɔ sika bebree
Sɛ wonim agya sika, ahaa, Dada Rich
Me papa, yɛwɔ sika sɛ ɛbro no, watch
Yɛ fie fɛfɛɛfɛ, ɛnyɛ wɔ blocks yi bi, ɛyɛ bricks
Obiaa wura yɛ fie a, ɔse, ei, mowɔ things
Holidays, mekɔ London, anaasɛ Swiss
Kakum, obiara wɔ Jaguar ɛne Benz
Osikaniba, mayɛ frɔmfrɔm, nahanaha
Afei nnoɔma asesa, yɛ fie, yɛ cars, nnoɔma nyinaa ahye
Ɛna ne agya aka nkyene agu, ɔmo awu
Nana Appiah, me dwom nie
Asesa, asesa
Repeat Chorus 2x
Hook 2
Me nsa ano ne nfifire, mebrɛ ansaana medi
Menim sɛ, mempɛ wiase
Mewɔ sika ne aduampa a, ɔbra no ne me redi asie
Menhunu nea menyɛ me ho
Verse 2
Makɔforo obi babaa ne adanfo baako
I swear, mentumi nfa me to mpo ntena faako
Nyarko, si abotrɛ, ɔbra no ne me redi ako
Saa ɔbra a, yaka aka aka yi, ɛnyɛ easy
M'aso ayɛ hyehyeehye, daabia na mayɛ busy
Water bill ne light bill baa a, na me tiri bɔm
Merefɔɔso, merehala, ɛnyɛ saa, me nsa nkɔ m'anum annwummire yi
Medɔ doo Hare, hare, hare, na yɛte pɔɔ, tete HIPC
Na mayare koraa, na manya sika no makɔ clinic
Na Nana Nyame na ɔyɛ m'agyenkwa a
Anka ɔde connection connection aburu me so, ma me nso ntumi nni chicken
Repeat Chorus 2x
Verse 3
Afei deɛ obiara hyia me a, ɔse, Nana, wo ho te sɛn
Wode bisa, me ho te sɛ, kraman a, yɛawo no foforɔ tantantan
Hwɛ m'aso mu nkasɛe, nyinaa ayi dedede
Me kasa reyɛ awa, m'asɛm ayɛ tententen
Nneɛma ho ayɛ dendenden, sɛ kɔɔgɛ
Ɛda a, manya sika no, mɛtu champagne
Aboa bi bɛka wo a, na ɛfiri wo ntoma mu, skin pain
Afei koraa deɛ, mabrɛ, menye dɛn, menyɛ dɛn, koraa na meadidi
Menfa me power nkogye sika duro
Anaa menkɔtete aman ntɔn abibiduro
Daabi, hmm, ɛno deɛ mesuro
Ɛfiri sɛ, wobɛdi yie a, ɛne
Nyame suro Ɛneɛ, nana, mehia akokoduro, ɛne dɔɔma
Nnwao, nnwao, nnwao, nnwao, mekɔ akɔbubu nnua wɔ kwaɛ mu
Ɛfiri sɛ beebia abɛ bɛtɔ biara yɛ frɔɛ mu
Ɔbra no agyegye me sɛ, obi nana abɔso
Nana Kontihene, m'ano asi (2x)
Repeat Hook 2
Felicia, Anderson, I'll be okay
Bra ba, Kodua, I'll be okay
Portia, Natasha, I'll be okay
Ah Morris, I'll be okay
Repeat Chorus till fade
© Kontihene
Produced by Coast 2 Coast records





















Post new comment