Meda ho ma wo

  • Meda ho ma wo View all from Daasebre Gyamenah
    Daasebre Gyamenah
    Calling
    2002
    Daasebre Gyamenah
    Twi

Chorus 2x
Ka w'akoma to wo ya mu
Sɛ meba a, obi dehyeɛ
Mese meda hɔ ma wo o
Ka w'akoma to wo ya mu
Sɛ meba a, obi dehyeɛ
Mese meda hɔ ma wo nkoaa

Verse 1
M'ate m'ani ayera ahwɛ sɛ ɔdɔ me anaa sɛ
Agorɔ kwaa bi na ɔpɛ sɛ ɔne me die
Nso ani tua akete hunu sɛ sansankrɔma nie
Ɛyɛ ɔdɔ pa, sɛ na ɛnyɛ sika dɔ
Dua pa fonfon na mpaninfoɔ so yɛ amoa
Akwadaa hohoro ne nsa yie a, ɔne mpaninfoɔ didi
Ah, dɔnkɔ twɛn wɔ fie na sɛ ɔdi adeɛ e
Daabi e, wo suban nti wobɛnya beebi ahwerɛ Ɛntiɛ ɛne koowa ne nsɛmkeka akyi Yɛseyɛse, my dear, mese, ɛmboa ɔman M'anante fɔn nso wose kodua ɔnte asɛm o Ahoɔfɛ, hwɛ wo ho so yie, wɔ w'afoɔ mu o

Repeat Chorus

Verse 2
M'akyin m'akyin a, mɛhu sɛ ɔdɔ papa paa ni
Menim sɛ mehwere wo a, menya wo so biem
Nso dua bata boɔ, mese ne twa yɛ twa nann Obi dehyeɛ, mesrɛ wo ara Enfa hwee nsie me o
Mpaninfoɔ se nsuo ɛdɔ wo
Na ɛkɔ wo ahinan mu a
Na neɛ n'adua ɛbɛn nsusu ne etwi ɛ hmm
Ma menhu wo haw ne w'abɛbrɛsɛ nyinaa
Obi dehyeɛ, medɔ wo na wo kɔn ɛmmu adeɛm
Mese, ma menhu wo haw ne w'abɛbrɛsɛ nyinaa
Obi dehyeɛ, medɔ wo na wo kɔn ɛmmu adeɛm

Repeat Chorus 3x

© Daasebre Dwamena (Gyamenah)

 

Produced by

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

941.75