Bo Atenteben


Hook 2x
Woyɛ lorry kwan, mɛtwa wo mu hwimhwim
Woyɛ abɛn bia, mɛwɔ wo pimpim
Woyɛ fufuo o, mɛtwa wo timtim
Awɔ de wo a, kɔtɛ, ɛnyɛ saa wobɛhimhim

Verse 1
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)
Ɛyo, momma me kwan
Ma menkenkan
Metere mu bɔ lorry kwan, te sɛ kɛtɛ
M'anum asɛm bubu dan, wopɛ a, behwɛ
Tu mmrika bɛhwɛ, me suban
Yɔɔ sɛ ahwehwɛ
Wo fufuo ntoa yɛ me kɔntɔmoa
To me tuo, mɛhu no sɛ mprɛma
Mɛkye ma moa
Mede mese kɛkɛ we mpentoa
Mewie a, mede meto asi mu na masa mo adowa
Suro me, mento nko mpo na mese mada
Me ne ɔbonsam to dame a, mema no we sei kwakwa
Yɛbɔ ludo so a, mema no we sei kwaataa
Deɛ wontumi nso a, mede me nsa baako bɛsɔ mu
Beebia wo nante tehwe, mede mmirika bɛtwa mu
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)
Nsa wobɛnom abo no, mɛnom agyina hɔ pintin
Spliff a, wobɛhye baako no, mɛhye sixteen
Me a, menyɛ tia, me nsan nyɛ nipa tenten
Mempɛ dede pii, nso menyɛ nipa dindin
Hɔ ne hɔ, sɛ na merebɔ m'abrabɔ
Woyɛ na ɛyɛ ɔmo tan a, ma memmɛyɛ, ɔmo ani bɛsɔ
Adeɛ megye du fi, wo deɛ baako pɛ, wobɛtɔ
Nsuo yɛ m'ahwehwɛ, ɛno mu na mehwɛ m'anim
Me ne mmarima ɔpepem ko a, medi nkonim
Bɛse me bo na mereka
Bra fie mɛyɛ akyerɛ wo
Menni ataban, nso metu foafoa te sɛ akɔrɔma
Me nsa kɛkɛ, metumi de bubu akonwa
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)
Sɛ woate ama w'akoma ayɛ duruduududu
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)

Chorus 2x

Atentebɛn, nea moreyɛ no, yɛbɛtumi ayɛ
Onua twɛn, yɛreba abɛyɛ ama na ɛyɛ gyɛ
Mese twɛn, yentii bi dɛ
Yɛrenom ama n'adɛ
Yɛliidi asa
Asa mu dan mu se dwɛ

Verse 2
Ɛnyɛ menkoa na me ho yɛ hu
M'abusua nso ka ho
Me maame, me maame
Ɔde cane na ɛbɔ abɔsoɔ
Me wɔfa ne nsa mɔre ɛbubu apɔsoɔ
Ntoma a, wodi fira no ɛno na ɔdeyɛ ne nkata soɔ
Sɛ wonim me, nsɛ soɔ
Samsom a, ɛwɔ bible mu, ahoɔden no bi na mekita
Adeɛ tumtum, metumi ayɛ no fitafitaa
Please close your mouth, meserɛ wo yɛ komm
Te sɛ Moses, mede mpoma na reba abɛbom
Awoɔ fa bom na yɛbɛsɔ mu
Car kɔba medeyɛ necklace a (2x)
Me wife de too me tuo
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)
Sɛ ɛyɛ wɔwa sɛ, mede mese ɛrewe iron rod
Wobɛ ne me to nkyea a, wontumi nwe wooden rod
Oh my Lord, help them make them no fraud
Metumi hu sɛ ɛbi nom bo afu ɔmo ahyɛ ase retwetwe sword
Rap mo bonsam
Wobɛka me a, mɛyam wo te sɛ esam
Chef, hwɛ wo ho yie na wo ne me ammɛ ham
Sɛ wonim me, huhuuhu, me san so yɛ gam
Tie, mada hɔ ama articulator
Yaloode no cement ma, afa me so
Nso mampɛkyɛ, mantete, mantete, manyɛ hwee
Na wo na woyɛɛ dɛn
Tico a yɛahyɛ ɔmo ne atɛntɛhuro
Ɔkɔdeɛ ba a, yɛ ne no afee so na enyɛ wo abuburo
Wobɛka me na mɛnfi wo a
Ɛnyɛ sɛ ebia, mentumi wo na ɛmom me suru
Sɛ m'atwɛdeɛ baako bɛma w'ano apu ahuhuro
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu
Nea wontumi nyɛ no awia no, meyɛ no anɔpa tutuututu
Ɔboɔ, me ho yɛ huhuuhuhu (2x)

Repeat Chorus

Verse 3
What did you say, ka ne bio, na memmarke wo wrong
Woanya adi down cut, woreyɛ dɛn na woayi punk
Hiplife yi mebaa mu nkyɛɛ yɛ, onua, meyɛ young
Ma me one or two years, mɛnyini mɛba abɛyɛ strong
Ɛhɔ na mɛbɔ wo real hiphop na masan abɔ wo funk
Ɛnam me suban nti menni adɔfo
Ɛmom, mewɔ ayɔnko
Ansaa na adeɛ bɛsa, medwensɔ ankorɛ baako
Wopɛ sɛ woyɛ te sɛ me a, ɛgyesɛ woabɔɔko
Kyinkyin daadaa onua mma ɛntena faako
Mede me kotodwe na ɛhyɛ kyɛ
M'abɛtɛ, medetete atɛkyɛ
Ɔboɔ, wo ho yɛ huhuuhuhu (2x)

Repeat Chorus

© Obour

 

Produced by Soul Records

Chale's picture

Apparently Obour's debut hit, Atenteben is being studied in literature classes at the university level in Ghana.

Students discuss the various literary devices used in Obour's lyrics in this particular song and dissect them like they dissect various poems studied in literature classes. Of course, the class is not focused on Obour only, Atenteben is featured alongside literary works by famous Ghanaian authors like Kofi Awoonor, Ama Ata Aidoo, Ayi Kwei Armah, etc.

This is another feather in Obour's cap (who is a university graduate himself from the University of Ghana, Legon). His lyrics have a traditional feel to it, and employ a good amount of imagery and culture.
Hiplife is going far, and it's more than entertainment.

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1717.32