Ayeyi ben


Chorus 2x
Aseda bɛn na menfa mma wo, Awurade e
Ayɛyi bɛn na menfa mma wo, wo din no so
Aseda bɛn na menfa mma wo, Tweduampɔn Awurade e
Ayɛyi bɛn na menfa mma wo, wo din no so

Verse 1 2x

Ao, Jesus, wo na woagye menkwa
Ɛyɛ Jesus, na woagye me ɛfiri awoɔ yi mu
Ɛyɛ Jesus, na wabɔ me ho ban
Ne mogya no ama mayɛ ɔdehyeɛ
Yesu nea wayɛ ama me yi, mentumi nte ase
Yesu nea wayɛ ama me yi, ɛsom bo dodo
Yesu nea wayɛ ama me yi, mentumi nte ase
Yesu nea wayɛ ama me yi, ɛsom bo dodo

Verse 1 2x

Me deɛ, mɛse me kra sɛ, hyira Awurade
Na me mu ade nyinaa nso nhyira ne din kronkron no
Na makamfo ne nneyɔyɛ, na masɔre no daa daa
Ɛfiri sɛ deɛ wayɛ ama me no so, ɛdɔɔso bebree o
Ɛnti me kra, mese sɔre, na yi Awurade ayɛ
Yi n'ayɛ anɔpa, ɛfiri sɛ ɔde wo bɔne afiri wo
Yi n'ayɛ awia, ɛfiri sɛ wasa wo nyarewa nyinaa na n'ahoɔden ahyɛ wo mu o
Yi n'ayɛ anwumire, ɛfiri sɛ ɔde adepa ahyɛ w'afonomu ma wae
Yi n'ayɛ anadwo daa daa nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na wɔayi wo afiri nkwanhyia nyinaa mu
Yesu nea wayɛ ama me yi, mentumi nte ase
Yesu nea wayɛ ama me yi, ɛsom bo dodo
Yesu nea wayɛ ama me yi, mentumi nte ase
Yesu nea wayɛ ama me yi, ɛsom bo dodo

Repeat Chorus till fade

© Daughters of Glorious Jesus

 

Produced by

guest's picture

These songbirds are the best group in Ghana. Every album they release is a hit. I hope they get recognised outside Ghana one day for the great worh they've been doing.

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1260.16