Aduu sumo akwadu - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •  
  • Aduu sumo akwadu
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Lucky Mensah
    Aduu sumo akwadu
    Lucky Mensah
    Twi
    4:43
    http://www.youtube.com/watch?v=KKkY70Iwf-c
    Lucky Mensah
    2004

Chorus
Aduu sumɔ akwadu o
Ɔpuro sumɔ mmwɛ
Aduu sumɔ akwadu o
Ɔpuro wusu ɔgɔ nu
Manya me dɔ na sɛ mɛwaa no a
Oh, mongyae me
Mese me bɔfrɛ n'abere na sɛ mete madi a
Oh, mongyae me
Aduu sumɔ akwadu o na ɔpuro su papa o
Sumɔ akwadu o na ɔpuro su papaa te

Verse 1
Obia ne deɛ ɔtwe ma no nti
Manya me deɛ a, mongyae me ae
Obi pɛ osibo nko, obi nso bɛtee adonko
Obi pɛ deɛ asonsɔn, obi mpo de, odonko su no ara
Aduu sumɔ akwadu ɛfiri me dɔ yi nti ra
Ɔpuro sumɔ mmwɛ, yaanom, na ɛfiri ne dɔ nti ra
Ɛnti me dɔfo yi, mereware no awaa no awu wae
Ɛno na wonte aseɛ a, ɛneɛ kɔhye boɔ
Ɛyɛ wo ahi nso a, ɛneɛ ɛbɛha wo bebree
Na sɛ wobɛdwene ho nso a, ɛbɛfɔn ayɛ teaa bi o
Sumɔ akwadu o na ɔpuro suu papao ae

Repeat Chorus

Verse 2
Mese na nsuo bɛyɛ boɔ dɛn
Obiara ne ne dɔfo a ɛwɔ wiase yi mu
Mabrɛ manya me deɛ a, ɛnɔ ne nsɛmkeka yi a
Hwɛ, to w'adwene mu da, woyɛ dɛn koraa a, mengyae no
Me nko me gyɔlee yi deɛ
Wotwe mu tann mpo a, me ne no bɛwu
Sumɔ akwadu o na ɔpuro su papaa te
Sumɔ akwadu o na ɔpuro su papaa a

Repeat Chorus

Verse 3
Aduane a, obi favorite no
Ɛtɔ obi ano a, na ɔrefe o
Anantwi sɛ, ampesie ara na ɔbɛdi
Nana Dini Kankan se, fufu ara na ɔpɛ o
Oh, Kay Kuodusuo nso se, ɔnwa ara na ɔyada
Hwɛ, Foster se, tuo zaafi deɛ, ɔnni ho agorɔ
Obiara ne ne favorite o
Rasta nso nsa abene
Sumɔ akwadu o na ɔpuro suu papaa o (2x)

Repeat Chorus till fade

© Lucky Mensah

:

Watch the Aduu sumo akwadu video by Lucky Mensah

 

Produced by

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Enclose a word in <d> tags to link to a dictionary search
  • Enclose a word in <m> tags to link to a Museke search
  • Enclose a word in <s> tags to link to a search on this website
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options