Me tiri mu po nye bone - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •  
  • Me tiri mu po nye bone
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Esther Amoako
    Metrimupo nye bone
    Esther Amoako
    Twi
    http://www.youtube.com/watch?v=8VeXKgRb1Mw
    Esther Amoako
    2001

Chorus
Na me tiri mu pɔ nyɛ bɔne
Nti me mma ei, momhwɛ me
Me tiri mu pɔ nyɛ bɔne
Nti me mma ei, momhwɛ me
Menim adwene a, madwene mo ho o
Nti me mma ei, momhwɛ me
Ɛyɛ adwene a ɛyɛ adwene pa o
Nti me mma ei, momhwɛ me
Me mma ei, momhwɛ me (3x)
Mɛma no ayɛ yie
Me mma ei, momhwɛ me
Nti, me mma ei, momhwɛ me
Me mma ei, momhwɛ me
Mɛma no ayɛ yie

Verse 1 2x
Momma mowirɛnfi atetesɛm no
Na monkaekae me nnwuma no
Na merebɛyɛ ade foforo yi a
Mebɔ kwan ato asire so
Ama asubɔnten abɛdane anwia
Ama moahu sɛ
Me ne asafo Awurade
Mebie kwan to beebia ɛkwan nni hɔ yi a
Mema wɔn a ɛnni bi, anidaso o
Hwan na ɛbete m'ase awie
Hwan mpo ne me futufoɔ yi a
Me tiri mu pɔ nyɛ bɔne
Nti me mma ei, momhwɛ me

Repeat Chorus

Verse 2 2x
Wɔn a, wɔnde wɔn ho to Awurade so no
Te sɛ dua asi asubɔnten wo no
Wɔson aba ne mmerɛ mu a
Ade a, wɔnreyɛ nyinaa bɛyɛ yie
Oneɛ wo nso ne ɔtanfo berɛ yi o
Ne nkwagyeɛ ne Awurade a
Hwɛ, agodeɛ biara a, ɛbɛsɔre atia wo no
Mese, na ɔrenyɛ yie a
Odimafo te ase ma wo o
Ɔbɛma no ayɛ yie

Repeat Chorus

Verse 3 2x
Momma mowirɛnfi atetesɛm no
Na monkae mo kanee nnwuma no
Na merebɛyɛ ade foforo o
Mebɔ kwan ato asire so
Ama asubɔnten abɛdane anwia o
Ama moahu sɛ
Me ne asafo Awurade
Mebie kwan to beebia ɛkwan nni yi ei
Mema wɔn a ɛnni bi, anidaso o
Hwan na ɛbete m'ase awie
Hwan mpo ne me futufoɔ
Me tiri mu pɔ nyɛ bɔne
Nti me mma ei, momhwɛ me

Repeat Chorus till fade

© Esther Amoako

:

Watch the Metrimupo nye bone video by Esther Amoako

 

Produced by

Helena Asante's picture

great song by esther amoako and excellent lyrics

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1545.93