New content on Museke!

Museke African music lyrics musicians songs interview chit-chat

Mabo wo din


Mabɔ wo din na mafrɛ woɔ
Ɛnti me ba e, nya akokoɔduro
Ɛnhwɛ bɛnkum anaa nifa, wo deɛ, kokɔ w'anim ara
Mese, mɛmpa aba o
Na me na meba wo akyiri re do o
Sɛ nea medii Moose akyi no o, sa ara na mɛdi w'akyi
Mabɔ wo din na mafrɛ woɔ
Diana e, nya akokoɔduro
Ɛnhwɛ bɛnkum anaa nifa, wo deɛ, kokɔ w'anim ara
Mese, mɛmpa aba o
Na me na meba wo akyiri re do o
Sɛ nea medii Moose akyi no o, sa ara na mɛdi w'akyi

Merengyae wo o, merempɛ aba a
Maka me ho ntam sɛ me ara na mɛboa woɔ
Mese, mɛmpa aba o
Me na meba wo akyiri dɔm o
Sɛ nea medii Moose akyi no o, sa ara na mɛdi w'akyi
Me ba e, merengyae wo o, merempɛ aba a
Maka me ho ntam sɛ me ara na mɛboa woɔ
Ɛnti, mɛmpa aba o
Me na meba wo akyiri dɔm o
Sɛ nea medii Joshua akyi no a, sa ara na mɛdi w'akyi
Me ba, mengyae wo
Merenpaa wo, dabiara da
Me ba, ɛnnɛ da yi, mekasa kyerɛ wo sɛ, hyɛ dɛn
Na me na mabɔ wo din, afrɛ woɔ
M'asɛm ne sɛ, mede trenee no babɛkura wo mu
Ɛnsuro, na me na mabɔ wo din afrɛ wo
Me din ne ‘meara ne meara'
Kae sɛ megyee Moses, brɛ na atanfo eresa no
Na ɛkwan bii biaa na ɛpopɔn si
Na meara na memaa ɛkwan tɔɔ deɛ ɛkwan nni mu
Nua dwumayɛnii a, Nyame afrɛ woɔ
Me papanom sɔfoɔ, anua mu adwumayɛfoɔ
Momma yɛn hyɛ den (2x)
Na yɛn Nyankopɔn, ɛte ase
N'asɛm ne sɛ, ɔrengyae yɛn, na ɔrenpaa yɛn
Ɔka yɛn ho, na ɔmma y'anim ngu ase
Mma atanfo nyi wo hu, wɔ wo ade biara a, woreyɛ mu
Yee

Mabɔ wo din na mafrɛ woɔ
Me ba e, nya akokoɔduro
Ɛnhwɛ bɛnkum anaa nifa, wo deɛ, kokɔ w'anim ara
Mese, mɛmpa aba o
Na me na meba wo akyiri dɔm e
Sɛ nea medii Moose akyi no o, sa ara na mɛdi w'akyi
Mabɔ wo din na mafrɛ woɔ
Me ba e, nya akokoɔduro
Ɛnhwɛ bɛnkum anaa nifa, wo deɛ, kokɔ w'anim ara
Mese, mɛmpa aba o
Na me na meba wo akyiri dɔm e
Sɛ nea medii Joshua akyi no a, sa ara na mɛdi w'akyi

Me ba e, merengyae wo o, merempɛ aba a
Maka me ho ntam sɛ me ara na mɛboa woɔ
Mese, mɛmpa aba o
Me na meba wo akyiri dɔm o
Sɛ nea medii Moose akyi no o, sa ara na mɛdi w'akyi
Merengyae wo o, me ba, mese, merenpaa wo o
Maka me ho ntam sɛ me ara na mɛboa woɔ
Mese, mɛmpa aba o
Me na meba wo akyiri dɔm e
Sɛ nea medii Joshua akyi no a, sa ara na mɛdi w'akyi

Ɔnyankopɔn asɛm a ɔkakyerɛ Nun ba Joshua nie
Ɔse mɛnwura anwoma no nfiri w'anum
Dwen wo ho anɔpa, ne anwummire n anadwo
Na yi yɛ sɛ deɛ asɛm ne seɛ
Mɛma apa biara w'adi yie
Nfiri ha nkɔ bɛnkum anaa nifa
Hyɛ den (2x)
Me ba, hyɛ den
Na mɛboa
Memma w'anim ngu ase
Memma w'ani so ngu
Mɛma w'atanfo nyinaa adi nkye wɔ w'anim
Me na maka

© Evangelist Diana Amponsah

 

Produced by Frimprince Production


Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options