Zaa-za - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  
  • Zaa-za View all from Kokovelli
    Zaa-za
    Kokovelli
    Twi
    4:29
    Nathaniel Totimeh
    2003

Verse 1
Wɔnsɔ mu, 2G1 na 2G2, afei na mayi m'apaawa
Mo nyinaa mommɛsɔ mu ma yɛde akɔsa Adowa
Ebi woso wɔn nsa, ebi nso woso wɔn abasa
Te sɛ sɛ deɛ a moagye asa no yɛfrɛ no, zaa-za
Bu wo mu, zaa-za
Tia ha, zaa-za
Woso wo ho, zaa-za
Sɔ wo sisi, zaa-sa
Koakoa wɔn nan mmienu na bounce kɔ nifa
Yɛsaa pɛpɛɛpɛ na san bounce kɔ bɛnkum
Sɛ ɛyɛ mo fɛ
Mopɛ sɛ mosua deɛ a, gye sɛ mokɔ Kwabotwe
Ɛho na mobɛhu asa no mu ahodoɔ
Patron no Caro koraa agye ato mu sɛ ɛyɛ tough
Wongye nni a, kɔ na kɔbisa Kponkpo
Ɔno nso bɛka akyerɛ wo sɛ
Charlie, kaa ya dzei?
Asa yi abaso, mese ɛbo so
Onua woso wo ho ma yɛnkɔsa zaa-za zaa, abɔ so
Hwɛ sɛ ɛrebɔso, onua woso wo ho ɛ

Chorus 4x
Zaa-za, zaa zaa-za
Kɔkɔvɛlli wasan aba

Verse 2
Ɛyɛ asa bi, ɛyɛ asa foforɔ bi apue
Yɛbɛbɔ ne din, montie
Yɛfrɛ no, yɛfrɛ no
Zaa-za, zaa zaa-za, Kɔkɔvɛlli wasan aba (6x)
Wo tiri bɛbɔm, asa foforɔ bi aba
Mommɛsɔre yɛnsa
Yɛfrɛ no sɛn, woabisa bi?
Yɛfrɛ no zaa zaa-za
Onua, worefeeli asa yi, ma menkyerɛ wo sɛ nea yɛsa no
Turne won a left and right, huri kɔ soro na woresa o

Verse 3
Kohwɛ party no ase, mese obi ara asa yɛ gyɛ
Mmaa ne mmarima nyinaa rebu ɔmo pa dwɛ
Ma so kɔ adidie ɛfiri sɛ nnaase gye kekɛ
Agorɔ n'ase ayɛ dɛ nti, sɛ ɛnyɛ menkoaa na mepɛ
Dwane kɔtɛ na wei deɛ ɛkyɛn topaɛ
Menka sɛ dwane kɔtɛ ma nnoɔma ngyae fefɛ
Prevention is better than cure
Sɛɛ na nnwom no ye pure
Opanin, akwadaa, obiara debɛsa saa for sure

Repeat Chorus 4x

Verse 4
Mommu mu mu, di asa na sɔ mu
Zaa zaga zaga, nnwom bi rebɔ mu
Wei deɛ, wogoro wo ho a, woti bebɔ mu
Batman abranteɛ, woresa a, wontumi nda
Obiara nforme one logo logo line
Asa no nie, yi w'ani na tu wo nan
Onua, wonsa a, firi hɔ, na ma me kwan
Menfere adeɛ, nti ɛyɛ a menmind
Aba, ɛnyɛ wo dɛ
Asa no nie, ɛnyɛ wo fɛ
Wontumi ngyina a, kɔpɛ beebi tena
Ɛfiri sɛ mabɔ me ti, ma san madwene gyina
Zaa-za, zaa zaa-za
Mommra mma yɛn nni sa
Mmaa ne mmarima nyinaa ra monni sa
Batman, monni asa sɛ

Repeat Chorus 2x

Repeat till fade
Ɛyɛ asa bi, ɛyɛ asa foforɔ bi apue
Yɛbɛbɔ ne din, montie
Yɛfrɛ no, yɛfrɛ no
Zaa-za, zaa zaa-za, Kɔkɔvɛlli wasan aba (6x)

© Kokovelli

 

Produced by Agiecoat Productions

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1054.6