View all from Mr Whyte Sounds of our timeMr. WhyteTwi5:1812Nana Kofi Frimpong2004
Chorus 2x
Wo na wayɛ me (3x)
Wo na wayɛ me sei a mete e
Nka me ne hwan, adepa nfata me
Nso won a wayɛ me sei a mete e
Verse 1
Me kra hyira Awurade, ɛyi ne din kronkron n'ayɛ
Wɔ nea wayɛ ama me, firi me mmɔfrase bɛsi ɛnnɛ da mu
Wɔayi me nan ɛfiri atɛkyɛ mu
Me nso, wo ne me ɛdi no yie
Anka me ne hwan koraa a, anka me nsɛn ne hwana
Me anka a, yɛkɔ a, menkɔ yi
Me anka a, yɛba a, memma yi
Ti pɔnkɔ so a, mennim hwee
Me ara a, anka yɛnfrɛ me ɔsukonue
Ɛnnɛ monhwɛ, me nso masɛ bi o, mafa me ntoma pa afira
Momu hwan na ɛsusuu sɛ, me nso, mɛtumi abɛyɛ nipa
Nansan yi, madane ɛnfonii, ama awiase ɛne me man
Ɛnyɛ me tumi wae, ɛna ɛnyɛ me nyansa
Ɛyɛ adom ara kwa o, nti na meda so ti ase yi
Nti na sɛ tɛkyerma da abɔduam mu na mogya di ne ho afira sane a
Me nnwom a, mewɔto ara nie
M'asɛm a, mewɔka nie
Repeat Chorus 2x
Verse 2
Nhyira nka Awurade sɛ, wɔn a, wɔde wɔn ho to ne soɔ no
Ade nyinaa ɛdi bua wɔn na ɛwie wɔn yie
Masɔ Awurade ahwɛ bebree, wayɛ m'abisadeɛ ama me
Yɛde asɛm kɛseɛ bi tɔɔ me so a
Megye me ho biara a, ɛnyɛ yie
Kwadu krataa kyerɛ sɛ, makɔto ɔbaayewa bi monaa
Makɔ ma ɔbi aduru bɔnee, makɔwe obi fie ban
Asɛm kɛseɛ bɛn nie, Nana Kofi e, mawu awie
Apoliisifoɔ bɛkyee me a, yɛde me kɔtoo afie ase
Anidasoɔ nyinaa saa ɛ, me nua mpo yii me maa yɛ
Nanso wo asafo Awurade, asaase yɛ wo naase tiasoɔ no
Wobɛtwitwa gyee me, wɔ mmra a, anidasoɔ saa yɛ no
Nti ɛnnɛ sɛ mete aseɛ a, ɛyɛ wo nkoa w'adom ara
Ɔboɔade Yesu e, wo ba, merefrɛ wo ɛnnɛ o
Ɛfiri sɛ, deɛ wayɛ yi, obiara nni hɔ a, ɔbɛtumi ayɛ
Me Nyankopɔn e, bɛgye w'ayeyie
Wosɛ na wofata nti, na meyi w'ayɛ yi o
Repeat Chorus till fade
© Mr. Whyte
Produced by Last 2 Records













Post new comment