Gyegye me so - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •  
  • Gyegye me so View all from Nana Acheampong
    XXL
    Nana Acheampong
    Twi
    4:02
    Nana Acheampong
    2002

Chorus
Ɔdɔ yɛwu, me dɔ hwan nie
Ɔdɔ (2x) yɛwu, me dɔ na merefrɛ no yi
Gyegye me so ɛ, krɔkrɔ me ɛ
Gyegye me so ɛ, ɛyɛ a, miamia me
Na me dɔ paa nie ara o
Gyegye me so ɛ, krɔkrɔ me ɛ
Gyegye me so ɛ, ɛyɛ a, miamia me
Na me dɔ paa nie ara o

Asa hwan dɔ e (2x)

Verse 1
Mekaa sɛ me ne wo pɛ na ɛbɛtena e
Ɛwɔ sɛ obiara ka nea ɔpɛ
Deɛ ɔmpɛ kyerɛɛ ne yɔnko, Ahoɔfɛ e
Me ne wo bɛyɛ, me ne wobEtena
Ɛyɛ ɔdɔ nkoaa
Mempɛ comme-ci comme-ca biara
Ɔdɔ kasa hwɛ soro a, na woahwɛ fɔm
Mese obiara nware ne tanfo da
Agye sɛ nea ɔdɔ no
Yɛanya ayɛ honam baako yi deɛ
Nea aka deɛ yɛse yɛnsuro
Ɛse ne tɛkyerɛma bɔ nkuo o
Enti mefom wo a, fakyɛ me ɛ
Me dɔ, mempɛ ahunahuna biara
Mesere kyerɛ wo a, sere bi ɛ
Asa woan dɔ e
Mese obi dɔ me bi e
Me dɔ paa bi nie a

Repeat Chorus

Verse 2
Ɔdɔ (2x) yɛwu
Mese, me ne wo bɛyɛ, me ne wo bɛtena
Yɛretena akɔsi yɛn wu dan mu
Obiara ne ne yɔnko nni asɛm
Aka yɛ ntam yɔnko o
Wontee Ghana mma nka anaa
Yɛ deɛ yɛte ɔdɔ ase
Yɛ mmaa deɛ, yɛnsi wɔn fɔm
Yɛgyegye wɔn so sɛ nea y'amammerɛ te o
Na adeɛ a, ɛyɛ fɛ wɔ mmaa bi ara ne sɛ
Sɛ wopɛ krɔkrɔ no
Na woagyegye ne so ɛmiamia no
Edwuru annwummire a, woayɛ no fine
Deɛ ɔkɔ dua bi ɛ
Nti mennim deɛ wɔfrɔ ne o
Barima mede me ho nyinaa abɔ afɔreɛ ama wo o
Yɛnka yɛ nta mu yɔnko

Repeat Chorus 2x

© Nana Acheampong

 

Produced by Owoahene Production

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1123.6