Kyenkyen bi adi m'awu - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •    •    •  
  • Kyenkyen bi adi m'awu
    Enable Javascript and
    Adobe Flash player in your browser to browse the full media gallery

    View all from Omanhene Pozoh
    Aye de
    Omanhene Pozoh, Alhaji K. Frimpong
    Twi
    5:55
    http://www.youtube.com/watch?v=aZyRNWvL9_w
    Omanhene Pozoh, Alhaji K. Frimpong
    2002

Intro (Ɔmanhene Pozoh)

Yaanom, Ɔmanhene Pozoh
Haha, maka me ho biom, na mose sɛn
Alongside Alhaji K. Frimpong
Dada, wowɔ he, mɔnkɔ
C'mon
Check it out, one time for your mind
Alhaji K. Frimpong, c'mon, c'mon, c'mon
Put it down baby

Chorus 2x (Alhaji K.Frimpong)
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o (4x)
Oh ah, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o
Oh ah, one time, agyei
Oh ah, two time, agyei

Verse 1 (Ɔmanhene Pozoh)
Mese, aboa bɛka wo a, maame, na ɛfiri wo ntoma mu
Nframa bɛba wo dɛm nso a, na ɛfiri wo npoma mu
Ɔtan ne ɔdaba nyinaa nso wɔ akoma mu
Te sɛ nsuo bakɛt mmienu wɔ ahina mu
Ɛnti suro nipa na gyae saman
Ɛnipa wo ɛɛhu sen kaakaamotobi
Ɔbɛka wo ho asɛm ama no abɔn wo te sɛ totobi
Adi wo bɔne wɔ mako a, w'ani nda wo so
Ama no atɔ wo so
Abre a, w'atɔ fɔm koraa, na ɔgu so gyina wo so
Asɛm yi aha me paa, anka, menka da
Asisi me so, Pozoh, manka a, mentumi nnada
Madwane ɛfiri Ghana ɔhyew yi mu
Akɔtena Akwasi Broni awɔ yi mu
Adware Akwasi Broni fun mu
Anya sika amane fie sɛ yɛnfa nsi dan mma me
Na me wɔfa, ɛne me nuanom nyinaa, agye sika no adi
Asɛnde me obi dan ho pictures
Asan atworɔ me lɛtɛ sɛ, ɔmoasisi pillars
Me wɔfa adi me sika ɛde nkaɛ no ahyɛ Peters
Afei ɔhu me a, na ɔne me rekɔ hundred meters
Mento ne tuo anaasɛ menbo no nku no
Akolaa yi adi m'awu, adwane akɔtetɛ Kumawu
Manya sika, sima, m'akoma
Ɛnyɛ saa, Ɔmanhene Pozoh, mɛku nipa
Meka me papa, yɛnfa bɔne ntua bɔne ka
Ɛnka, metwe mu sɛ kɔsi da a, mɛgye m'adaka

(Alhaji K. Frimpong)
Masan aba o (2x)
Mekɔɔyɛ a, m'ani na anso o
Ɔdɔ e, m'ara me ni
Na akoa bi de mpaboa atia me o
Sɛ ɔnnisɛ bi de kɛseɛ bi akoane me o
Akoa bi de mpaboa atia me
Sɛ ɔnnisɛ bi de kɛseɛ bi akoane me o
Na kyɛnkyɛn bi abɛdi m'awu o
Oh ah, kyɛnkyɛn bi m'awu o, agyei

Repeat Chorus 2x

Verse 2 (Ɔmanhene Pozoh)
Beebia, Nyankopɔn bɔ n'ampesie no
Ɛhɔ ara na sasabonsam nso, toto ne mɔmɔne
Adwenbɔne, woanka sɛ wodi mu a, yɛyi wo ayibɔne
Wohu sɛ owuo reba a, papa, mese, wodwane
Me yɔnko Kwaku a, me ne no bɔ kosua ɛtafreɛ
Yɛn nkɔa na di nkolaabɔ yɛn nkolaa bra mu
Na yɛgaazi ma kra saeto
Adeɛ a, wode ayɛ me, o, ma paddy Akoto
Woama me life retwa ne ho te sɛ alikoto
Ansaana mɛka m'asɛm no, momma mentwe me last boto
Adanfo paa ni
Wo ne me ba di agorɔ, mengye adwenbɔne mma wo
Nso wafa ho adi no abrɔ
Nka ma obi nfa nyɛ me na menkɔbɔ no asotrɔ
Ɔbaa a, me ne wo agye sɛ, daakye yɛbɛware
Beebia wodaayɛ na woama no abɔ me yareɛ
Ɛɛ, woyɛ saa a, ɛyɛ?

(Alhaji K. Frimpong)
Me ne wo ara o, anka me ne wo ara o, ɔdɔfo e
Mede me dɛ ama me dɔfo yi
Ɔno nso de ne dɔ ama me
Yɛn nyinaa tɛ ɔdɔ mu na mese merekɔ beebi maba
Ɛsansɛ menni sika nti, na obi agye me dɔfo yi ɛfiri me nsam, o
Ei, na ɔdɔ bɛn ni, ɔdɔ bɛn ni, ɔdɔ bɛn ni, na yɛnhu ano yi
Ɔdɔ e, m'ara me ni

Repeat Chorus till fade

© Ɔmanhene Pozoh

:

Watch the Kyenkyen bi adi m'awu video by Omanhene Pozoh and Alhaji K. Frimpong

 

Produced by Lisarf Music

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

3786.81