Me dofo adaadaa me - Museke African song lyrics

Tagged:  •    •    •    •    •    •    •  
  • Me dofo adaadaa me View all from Omanhene Pozoh
    Aye de
    Omanhene Pozoh, Ewurama Badu
    Twi
    Omanhene Pozoh, Ewurama Badu
    2000

Chorus 2x (Awurama Badu)
Me dɔfo adaadaa me a
Ɔdɔ adaadaa me o
Me dɔfo agya me awerɛhoɔ a, gyegye me a, akɔku me

Verse 1 (Ɔmanhene Pozoh)
Menhuu bi da, mentee bi da, nhyiaa bi da
Obi na ɛkaayɛ anka a, medɔ Nyame
Pozo, anka mebiliivi da
Wo ho ayɛ me nwawa
Wohyiaa me foforɔ no, na wose meara ne me
Ɛnnɛ madane wo saman
Wogyina abɔnten bisa me sɛ, hwan ne me
Me ne me, ɔpono hini me, me broni bie me
Ɛnyɛ saa awerɛho bɛku me
Woabɛfa nkokoɔ so abɛgya me subrɛni
Ɛdɛ ade rebɛwɔ m'ani, ɛnyɛ m'ani a
Ɔdɔ nti, magyagyaa me ho, ama wode tuntum ayɛ me fitaa
Matu wo fitaa, mede m'akoma ama wo sɛ gye na kita
Mede me were ahwɛ wo mu sɛ Yɛsu ne Peter
Ɛnso akoa ambɔ mprɛnsa, woayi me ama
Nyame ama, na mekaasɛ wodɔ me
Daadaafoɔ, ɛte sɛ daadaabi na ɛredaadaa me a

Repeat Chorus 2x

Verse 2 (Awurama Badu)
Adeɛ mehu ne sɛ, me dɔfo yi
N'ani ntɔ m'anim (2x)
Ɔhu me a, na ne bo afu
Ɛse ne tirinwi nti
Ɛfiri sɛ, waware me akyɛ
Nanso, wayɛ, ayɛ, ayɛ a, woanya sika a, ɛda hɔ nti
Sɛ ɛnnɛ, sɛ ne Nyame aboa no
Ama ne nsa aka kakra a, ɔse menkɔ
Ɛfiri sɛ, ɛbi a, na ɛnne deɛ, ne nsa aka yi mpo
Me ti bɔne nti, n'asɛm fee me nsa
Ah, Woahu wiase yi mu
Me dɔfo agya me awerɛhoɔ
Ah, me wiase yi mu
Me dɔfo agya me a abrekyiri a

(Ɔmanhene Pozoh)
Ah, gyegye me a, akɔku me
Anokwa, saa na awiase teɛ
Me ne no adi bankye ampesie saa
Ɛnnɛ wayɛ yie, anya sika a, yɛdetɔ take-away
Ɛnti ɔse, mengo away
Akpalaway, Hotel de Kingsway

You are the apple of my eye
Sɛ na nyinaa yɛ Kwaku Ananse story, short story

Repeat Chorus 2x

Verse 3 (Ɔmanhene Pozoh)
Had I known, is always at last
Baby last, menim sɛ sei na wobɛyɛ a
Nka metenaa me beebi twɛn last bus
Ɛtenaa me beebi ha, ɛdwen me ho
Woama manu me ho
Ɛfiri sɛ wohyɛɛ me bɔ sɛ wo ne me bɛtena afebɔɔ
Ɛnso wadi me nhwamɔɔ
Ama mayɛ mɔbɔɔ
Te sɛ sɔ wo dɛm mu kura a, mɔbɔmɔbɔ
Yɛkaasɛ wobɛgya me asi nkwanta
Abɔ m'anipa fitaa, ɛnso manfa anyɛ asɛm
Ɔbaataa, ɛnti wowire afi
Ɛka me ne wo wɔ dɛm a, nkɔmɔ a, yɛbɔ, bowl a, yɛbɔ
Goal a, yɛhyɛ, ne ɛbɔ a, mese yɛhyɛ
Baby, anha, alomo

Repeat Chorus till fade

© Omanhene Pozoh

 

Produced by

Post new comment

The content of this field is kept private and will not be shown publicly.
  • Lines and paragraphs break automatically.
  • Youtube and Google video links are automatically converted into embedded videos.

More information about formatting options

1335.73