View all from Roro Obi ye obiRoro, Joe FrazierTwiRoro, Joe Frazier2005
Obia nyɛ obia (3x)
Oh shut up!
Meyɛ obi, na wo nso woyɛ obia
Wo ne wo se tentene pɛ a, ɛnyɛ wo tipɛn no no
Chorus 2x
Obi yɛ obi, mese obi yɛ obi
Wontumi nkankyerɛ me sɛ obia nyɛ obia
Obi yɛ obi, mese obi yɛ obi
Wontumi nkankyerɛ me sɛ obia nyɛ obia
Ahenfie kyiniɛ dede ebi akyi
Nsatea nyinaa ɛnyɛ pɛ da
Ei, obi yɛ obi, mese obi yɛ obi
Meyɛ MP, woyɛ fush, fush
Wontumi nfa wo ho ntoto me ho da
Ei, obi yɛ obi, mese obi yɛ obi
Masɔre anɔpa manya tea anom
Abeteɛ ho mpo a, yɛde ama wo
Ei, obi yɛ obi, mese obi yɛ obi
Verse 1
Obia yɛ obi, obia yɛ obia e (2x)
Nea ɔnyɛ obiaa ne deɛ wɔaka ne nsa agu ne bo
Nea ɔnyɛ obiaa ne deɛ yɛde ne ti ahyɛ fɔm
Ɛno deɛ mete aseɛ, nanso obiara yɛ obi
Merebɛkyerɛ mu (3x)
Masi me fie, anya me car, wonya yɛ a, anka wopɛ
Awia ketekete yi, anka woda aircon mu a, anka wopɛ
Wonni sika a, wose aduro nyɛ
Hwan na ɛwoɔ sɔ gu n'ano a, ɔmpɛ
Mabɔ me degree, wode syto rebɛtoto me
Nsa koraa yɛwɔ mu boss ne secretary
Ɛnyɛ apio yɔnko ne whisky
Adeɛ sika bɛyɛ ohia ntumi nyɛ bi
Mabrɛ ayɛ adwuma asa nfifire anya me sika a
Wompɛ adwuma, wose obiaa nyɛ obiaa
Obia yɛ obi, yɛ obi, yɛ obi, yɛ obi (2x)
Repeat Chorus
Verse 2
Ɛyɔ, mebrɛɛyɛ ansaana mereyɛ obi
Deɛ wɔawu hyɛ fɔm, na ɔnyɛ obiaa
Nsatea wei, bɛyɛ dɛn ayɛ pɛ
W'afu sɛ fridge, kay, to wo bo
Ɛboɔ bɛyɛ dɛn apo ahuro
Merewe sardine, worewe kahuro
Merebɔ abɛn, worebɔ dawuro
Difference nie, fa mia wo kuro
Yɔɔyɔɔ ɛyɔ, ɛyɔ, ɛyɛ fush
Hey hey hey, obiaa yɛ obi
Yɛwɔ champagne, na yɛwɔ pito
Mabɔ degree, wokɔɔ syto
Meretwi benz, woretwi moto
Wo tipɛn ne me, twi wo bonto
Big Joe Frazier nie, shadas
Ɛsono master ne apprentice
Worebrɛ deɛ a, ɛyɛ a, wɔn mo nhu
Wayɛ obi awie no, yɛse sikaduro
Ahye wo a, kɔnom aduro
Ɛsono wɔma, na ɛsono waduro
Roro, Big Joe, ɛyɛ kwee
Ɛsono akokɔ, na ɛsono ɛkwee
Wohann dan, meyɛ efie wura
Menom insu, wonom abura
Efie safoa, me na mekura
Wo tipɛn ne me, twe wo ho bɔ hura
Lux ne amonkyem, ɛnyɛ pɛ
Brekuo ne akyem, ɛnyɛ pɛ
Deɛ wɔawu o, na ɔnyɛ obiaa
Ɛbɛyɛ dɛn na wɔanyane no sɛ ɔmmɛbɔ tie
Meyɛ obi, na wo nso woyɛ obia
Wo ne wo se tentene pɛ a, ɛnyɛ wo tipɛn no no
Repeat Chorus till fade
© Roro
Listen to the Obi ye obi song/audio by Roro, Joe Frazier
Produced by












, GHC 4.73 only.
I agree with Obi ye obi. Somebody is somebody, and the man driving the benz is better than the one walking because the benz driver has worked to get his money.
but they are all the same let say the guy with the got his car stolen and he got no money he will also walk and God created evey body the same so obia ny3 obiaa
Post new comment