View all from Vivian Antwi
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryMommeraSister VivianTwi5:446Vivian Antwi2002
Chorus 2x
M'abandenden, ɛne wo Yehowa
Me botɛntii, ɛne wo Yehowa
Me dwanekɔbia, m'abankɛse, me botɛntii
Oh, m'abandenden, ɛne wo Yehowa
Verse 1 2x
Ɛyɛ ampa sɛ m'abandenden ne no Yehowa
Firi sɛ mmerɛ biara
Na meda npotwerɛ no mu no
Ɔbonsam fa me no no
Ɔde me yɛ nea ɛpɛ
Ɔde me yɛ ne nnwuma pii
Na menhu nea menyɛ o
Wo nam w'adom so
Wogye me firi ne nnwuma nyinaa
Ɛnti me se, m'abanpenpen
Me botɛntii, ɛne wo Yehowa
Awurade e
Repeat Chorus
Verse 2
Aah, Awurade e
Mefiri m'akoma mu o
Meyi w'ayɛ o
Me Nyame, mepagya wo o
Meyɛ anɔ mensɛ
Meyɛ a, na menfa so o
Wo na w'adom so
Woama ma sɛ bi
Me dwanekɔbia, m'abandenden, me botɛntii
Oh, m'abankɛse, ɛne wo Yehowa
Ao, me Nyame e
Mefiri m'akoma mu o
Meyi w'ayɛ o
Daddy e, mepagya wo o
Meyɛ anɔ mensɛ
Meyɛ a, na menfa so o
Wo nam w'adom so
Woama ma sɛ bi
M'afo ten bi o
Me dwanekɔbia, m'abandenden, me botɛntii
Oh, m'abankɛse, ɛne wo Yehowa
Woara ma dɛn mu o
Repeat Chorus till fade
© Vivian Antwi
Produced by













, USD 29.82 only.
Post new comment