View all from Akyeame
Enable Javascript and Adobe Flash player in your browser to browse the full media galleryNkonsonkonsonAkyeame, Nana Quame, Yoggi DoggiTwi5:542http://www.youtube.com/watch?v=bs5VKKHsn0cQuame Nsiah Appau, Daniel Quophi Amoateng1999
Awo ɔde e
Bɔne wɔ nipa ho nti na bɔnefafri wɔ hɔ o
Papa na ɛhu sɛ, adwendwen wɔ summiɛ mu
Bɔne wɔ nipa ho nti na bɔnefafri wɔ hɔ o
Papa na ɛhu sɔ, adwendwen wɔ summiɛ mu
Hook 2x
Megya wo hɔ na mɛkyinkyin mɛkyinkyin, m'abrɛ
M'anya obiara te sɛ wo o
M'anante, m'anante, m'anante, m'abrɛ
Verse 1
Asɛm ato me
Obi nka bi mma me
Okyeame ato me, me ne me Nyame
Me ara megye to mu, ɛyo, m'arushe ati
Wobɛtwe m'aso, abaa ni, twa me thirty
Wei koraa deɛ, mese, menhu ne farebaɛ
Me suban, m'ahantan, m'agyaɛ
Mere ma wo ate aseɛ
Wo, wo ne me han
Fa me bɔne kyɛ me, obi dehyeɛ
Manuela Medeɛ
Wo ne me deɛ
Adeɛ a meyɛ yie, medwen wo ho a, mente aseɛ
Wonti, mereda a, menna
Dakoro koraa, I can't stand it, mentumi ngyina
Mmrɛ so sɛ merete me kɛtɛ ka a
Metwa m'ani, ɛnso menhu obiara gye sɛ wo ara
Seesei, wo ho adwendwen nkoaa
Mese, mentietie nkrɔfoɔ ano bio, ɔdɔ
M'agye wo adi, m'agye wo atuu, m'abrafi kɔtɔ
Afei na m'ahu sɛ ɔdɔ mugu ahodoɔ
Wo dɔ nyɛ tomatoes na m'akɔ pɛ bi atɔ
Gye me di, seesei, me ne wo ara na ɛkɔ
Yɛ me bɔkɔbɔkɔ
Ɛnyɛ saa, mɛyɛ mɔbɔmɔbɔ
Repeat Hook 2x
Verse 2
Mɛyɛ wo nkɔmɔdɛ abrɛ a, wo werɛ aho
Menfa me ho ntetɛ, daa mɛsra wo
Mede ɔdɔ ntoma pa na ɛbɛ fira wo
Ahobraseɛ mpaboa na ɛbɛhyia wo
Tumtum sɛe o, m'ayɛ krado
Mesɔ agu w'ano, ma woatia mu, ‘Waow'
Hyii, ɔbaa papa ni
Kwame Sansani
Me suban bɔne
Wogyaa me, m'awu osugyani
Mekae da a, mehyia wo
Na m'ano repopo
Mrs. Okyeame, w'ase deɛ, mentoto
Wei mebɔ wo ka a
Kofi se mentua so dala sula lala
Deɛ ɔde wo bɛdi abrɔbɛ
To ma mento
Woayɛ sɛ summie, wode su ne sereɛ
Wommue w'ano mpo, yɛhu sɛnea wo se, se teɛ
Mede kotoserɛ, kae, wo ne me nfenpadeɛ
Ɔbɔadeɛ, atwerɔ ato hɔ, yengyae awareɛ
Afei na m'ahu, w'apɛdeɛ yɛ m'ahyɛdeɛ
Nti nnɛ, nɔnsia pɛpɛɛpɛ
Me ne menkuku kaka, meresan m'aba
Menkyɛ, menkyɛ, menkyɛ
Chorus
Mɛsan aba o (3x)
M'anu me ho o
Verse 3 2x
Wo ara wonnim sɛ
Agorɔ a, ɛyɛ dɛ no, yɛnkotɔ fa woaseɛ
Seesei m'asakra, w'apɛde, mɛyɛ
Asɛm nokwarɛ na mereka no, ɛnyɛ daɛ
Fa biribiara to nkyɛn na te m'ase
Ɛnso ne tekyɛrɛma nkoaa na ɔdɔ m'asɛm
Ɛmma obi nte y'asɛm na w'ankɔ di yɛn atɛm
Biribi ara wohia biara, kyerɛ na mɛyɛ no ntɛm
Yoggi Doggi asɛm yɛ wo dɛ a, pepa wo nsa mu
Repeat Chorus (till fade)
Ɔdɔ mɛsan aba o
© Akyeame
Watch the Mesan aba video by Akyeame
Produced by Spider's Web Records













This video is colo paa. But this song was the bomb! Back then, everyone knew how to sing it.
Mede ɔdɔ ntoma pa na ɛbɛ fira wo
Ahobraseɛ mpaboa na ɛbɛhyia wo
what a song!
this is one of the hip-life classics, every lover of hip-life must have this one
great song
love this song too
definitely one of the songs that made hip-life
akyeame shd get back together for more musik
Post new comment